Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 7:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Efisɛ ɛnkɔ ne komam, na mmom ɛkɔ ɔyafunu mu, na efi adi gu tiafi mu. (Ɔkaa eyi de tew aduan nyinaa ho).

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Ɛfiri sɛ ɛnkɔ n’akomam, na mmom ɛkɔ ɔyafunu mu, na mmom ɔyi gu yaane mu. (Ɔkaa yei de tee aduane nyinaa ho).

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Efisɛ nea mudi biara no ne mo koma nni hwee yɛ, na mmom ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Ɛfiri sɛ ɛnkɔ n’akomam, na mmom ɛkɔ ɔyafunu mu, na mmom ɔyi gu yaane mu. (Ɔkaa yei de tee aduane nyinaa ho).

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɛfiri sɛ, deɛ modie biara no ne mo akoma nni hwee yɛ, na mmom, ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Efisɛ ɛnkɔ ne komam, na mmom ɛkɔ ɔyafunu mu, na efi adi gu tiafi mu. (Ɔkaa eyi de tew aduan nyinaa ho).

Ver Capítulo Copiar




Marko 7:19
9 Referencias Cruzadas  

Munhu sɛ ade biara a ɛkɔ anom no kɔ ɔyafunu mu na eyi fi gu yaane mu anaa?


Aduan yɛ ɔyafunu dea, na ɔyafunu yɛ aduan dea, na Onyankopɔn bɛma n’abien nyinaa ayɛ ɔkwa. Na nipadua nyɛ aguamammɔ dea, na ɛyɛ Awurade dea, na Awurade yɛ nipadua dea.


Na ɛnne no fi soro buaa me ne mprenu so sɛ: Nea Onyankopɔn atew ho no, mmu no akyiwade.


Na ɛnne no san baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ: Nea Onyankopɔn atew ho no, mmu no akyiwade!


Na hwɛ, nea ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔe; ɛno na ne nyinaa ho befi ama mo.


Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduan anaa anonne anaa afahyɛ anaa ɔsram foforo anaa home nna fam,


Na osee wɔn sɛ: Mo nso munni ntease sɛɛ? Munhu sɛ ade biara a efi onipa ho na ɛkɔ no mu no ntumi ngu ne ho fi anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios