Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 6:41 - KYERƐW KRONKRON

41 Na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na obubuu abodoo no, na ɔde maa n’asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa abien no nso mu maa wɔn nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

41 Na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so, na ɔbubuu paanoo no, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa mmienu no nso mu maa wɔn nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Yesu faa brodo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, bɔɔ mpae, hyiraa so. Obubuu brodo no mu de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

41 Na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so, na ɔbubuu paanoo no, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa mmienu no nso mu maa wɔn nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Yesu faa burodo enum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpaeɛ, hyiraa so. Ɔbubuu burodo no mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

41 Na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na obubuu abodoo no, na ɔde maa n’asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa abien no nso mu maa wɔn nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Marko 6:41
22 Referencias Cruzadas  

Na ɔhyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ wɔntenatena sare no so, na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na obubuu mu de abodoo no maa n’asuafo no, na asuafo no nso de maa nkurɔfo akuwakuw no.


Na ɔfaa abodoo ason no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na obubui de maa n’asuafo no, na asuafo no nso de maa nkurɔfo akuwakuw no.


Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ohyiraa so bubuu mu de maa asuafo no sɛ: Munnye nni; eyi ne me honam.


Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo hyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Munnye! Eyi ne me honam.


Na wɔtenatenaa ase akuwakuw, ɔha ɔha ne aduonum aduonum.


Na wɔn nyinaa didii, na wɔmeemee;


na ɔhwɛɛ ɔsoro guu ahome, na osee no sɛ: Efata! Ɛne sɛ: Bue!


Mibubuu abodoo anum memaa mpemnum no, mporoporowa nkyerɛnkyɛ ma ahe na motasee? Ɛnna wose: Dumien.


Na ɛbae sɛ ɔne wɔn te adidii no, ɔfaa abodoo hyiraa so, na obubui de maa wɔn.


Na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no hwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na obubui de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nkurɔfokuw no.


Ɛnna woyii ɔbo no. Na Yesu maa n’ani so kae sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Eyinom na Yesu kae, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkae sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba anuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo anuonyam,


Na Yesu faa abodoo no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; ne mpataa no nso dodow a wɔpɛ.


Na akorow foforo fii Tiberia baa faako a Awurade daa ase na wodii abodoo no hɔ;


Na ɔkaa saa na ɔfaa abodoo no, ɔdaa Onyankopɔn ase wɔn nyinaa anim, na obubui fii ase dii.


Nea odwen da bi ho no, odwen ma Awurade. Nea odidi no, odidi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na nea onnidi no, onnidi de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase.


Enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam!


Na sɛ wudidi mee a, hyira AWURADE wo Nyankopɔn, asase pa a ɔde ama wo no nti.


Na biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa no so nna agya Onyankopɔn ase.


Mudu kurow no mu ara pɛ a, mubehu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔmmea hɔ akodidi; efisɛ ɔman no nnidi kosi sɛ ɔbɛba: Na ɔno na ohyira afɔre no so ansa na wɔn a wɔahyia wɔn no adidi. Enti momforo nkɔ, na ɛnnɛ ara na mubehu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios