Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 6:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Na ebinom sɛ: Ɛyɛ Elia; ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifo te sɛ adiyifo no mu biako.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na ebinom se: Ɛyɛ Elia; na ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifoɔ te sɛ adiyifoɔ no mu baako.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Ebinom nso susuw sɛ, Yesu yɛ Odiyifo Elia na wasan aba. Afoforo nso kae se, odiyifo foforo bi a ɔte sɛ tete adiyifo akɛse no bi na waba.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Na ebinom se: Ɛyɛ Elia; na ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifoɔ te sɛ adiyifoɔ no mu baako.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ebinom nso susuu sɛ, Yesu yɛ Odiyifoɔ Elia na wasane aba. Afoforɔ nso kaa sɛ, odiyifoɔ foforɔ bi a ɔte sɛ tete adiyifoɔ akɛseɛ no bi na waba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na ebinom sɛ: Ɛyɛ Elia; ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifo te sɛ adiyifo no mu biako.

Ver Capítulo Copiar




Marko 6:15
19 Referencias Cruzadas  

Hwɛ, meresoma odiyifo Elia mabrɛ mo, ansa na Awurade da kɛse a ɛyɛ hu no aba.


Na wose: Ebinom se: Yohane suboni no. Na ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifo no mu biako.


Na nkurɔfo akuwakuw no se: Oyi ne Yesu, odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Na Herode tee no, ɔkae sɛ: Yohane a mitwaa ne ti no, ɔno na wanyan.


Na wobuae sɛ: Yohane suboni; na ebinom se: Elia; na ebinom nso se: Adiyifo no mu biako.


Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bedi n’anim akɔdan agyanom koma aba wɔn mma so, ne asoɔdenfo akɔ treneefo adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade.


Na ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifo kɛse asɔre yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.


Na Farisini a ohyiaa no adidi no hui no, ɔkae ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifo a, anka obehu onii ne ɔbea ko a ɔde ne nsa aka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.


Na wobuae sɛ: Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforo se: Tete adiyifo no mu bi na wasɔre.


na ebinom se: Elia ayi ne ho akyerɛ, na afoforo se: Tete adiyifo no mu biako asɔre.


Na wobisaa no sɛ: Ɛnne na hena ne wo? Wone Elia? Na ose: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifo no? Na obuae sɛ: Dabi.


Na wobisaa no sɛ: Sɛ wonyɛ Kristo no anaa Elia anaa odiyifo no a, ɛnne adɛn nti na wobɔ asu yi?


Afei nnipa no huu sɛnkyerɛnne a Yesu yɛe no, wɔkae sɛ: Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni!


Ɛnna nkurɔfokuw no mu pii tee asɛm yi no, wɔkae sɛ: Odiyifo no ni ampa!


Ɛnna wosee onifuraefo no bio sɛ: Wo nso, wabue w’ani yi, dɛn na woka wɔ ne ho? Na ose: Ɔyɛ odiyifo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios