Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 5:43 - KYERƐW KRONKRON

43 Na ɔhyɛɛ wɔn dennennen sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkae sɛ wɔmma no biribi nni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

43 Na ɔhyɛɛ wɔn dendeenden sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkaa sɛ wɔmma no biribi nni.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Yesu bɔɔ wɔn ano ketee sɛ wɔnnka asɛm a asi no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abofra no aduan nni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

43 Na ɔhyɛɛ wɔn dendeenden sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkaa sɛ wɔmma no biribi nni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka asɛm a asie no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abɔfra no aduane nni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Na ɔhyɛɛ wɔn dennennen sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkae sɛ wɔmma no biribi nni.

Ver Capítulo Copiar




Marko 5:43
15 Referencias Cruzadas  

Na wofi bepɔw no so resian no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka ade a moahu yi nnkyerɛ obiara kosi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afi awufo mu.


Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, na kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na kɔma ayɛyɛde a Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse.


Na wɔn aniwa buebuei. Na Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na obiara ante!


Na Yesu braa no dennennen sɛ ɔnka, na, ɔma ofii adi ntɛm ara.


Na ɔbraa wɔn ketee sɛ wonnyi no nkyerɛ.


Na ntɛm ara abeawa no sɔree na ɔnantewee; (na wadi mfirihyia dumien). Na wɔn ho dwiriw wɔn kɛse.


Na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso mpɛn dodow a ɔkɔ so bra wɔn no, na wɔkɔ so pae mu ka.


Na wɔresian bepɔw no, ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea wohui no nnkyerɛ obiara, gye sɛ onipa ba no asɔre afi awufo mu ansa.


Na ɛbae sɛ ɔne wɔn te adidii no, ɔfaa abodoo hyiraa so, na obubui de maa wɔn.


Na ɔbraa no sɛɔnnka nnkyerɛ obiara; na ose: Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na w’ahofi nti kɔma sɛnea Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse.


Na ɛyɛɛ n’awofo ahodwiriw; na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea aba yi nnkyerɛ obiara.


Minnye anuonyam mfi nnipa nkyɛn,


ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefo a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dedaw no, ɛne yɛn a ne sɔre a ɔsɔre fii awufo mu no akyi no, yɛne no didii na yɛnomee;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios