Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 5:42 - KYERƐW KRONKRON

42 Na ntɛm ara abeawa no sɔree na ɔnantewee; (na wadi mfirihyia dumien). Na wɔn ho dwiriw wɔn kɛse.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

42 Na ntɛm ara abaayewa no sɔree na ɔnantee; (na wadi mfirinhyia dummienu). Na wɔn ho dwirii wɔn kɛse.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Amono mu hɔ ara, abeawa no sɔree, na ofii ase nantewee (na wadi mfe dumien). Asɛm a esii yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

42 Na ntɛm ara abaayewa no sɔree na ɔnantee; (na wadi mfirinhyia dummienu). Na wɔn ho dwirii wɔn kɛse.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Amonom hɔ ara, abaayewa no sɔreeɛ, na ɔfiri aseɛ nanteeɛ. Na saa abaayewa no adi mfeɛ dumienu. Asɛm a ɛsiiɛ yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

42 Na ntɛm ara abeawa no sɔree na ɔnantewee; (na wadi mfirihyia dumien). Na wɔn ho dwiriw wɔn kɛse.

Ver Capítulo Copiar




Marko 5:42
7 Referencias Cruzadas  

Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ma wobisabisaa wɔn ho sɛ: Dɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi po ma wotie no.


Na wosuroe yiye, na wosisee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na mframa ne po mpo tie no yi?


Na osoo abofra no nsa see no sɛ: Talita, kuum! Ase ne sɛ: Abeawa, mise wo sɛ, Nyan!


Na ɔhyɛɛ wɔn dennennen sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkae sɛ wɔmma no biribi nni.


Na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. Na wɔn ho dwiriw wɔn boroo so.


Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw boroo so, na wɔkae sɛ: Wayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo te asɛm, na ɔma mumu kasa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios