Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 5:40 - KYERƐW KRONKRON

40 Na wɔserew no. Na Yesu pam wɔn nyinaa, na ɔfaa abofra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ nea abofra no da hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

40 Na wɔseree no. Na Yesu pamm wɔn nyinaa, na ɔfaa abɔfra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ faako a abɔfra no da hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

40 Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔserew no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ fie hɔ no se, wɔn nyinaa mfi adi. Ɔne abofra no agya ne ne na ne nʼasuafo baasa no kɔɔ nea abofra no da hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

40 Na wɔseree no. Na Yesu pamm wɔn nyinaa, na ɔfaa abɔfra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ faako a abɔfra no da hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

40 Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔseree no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ efie hɔ no sɛ, wɔn nyinaa mfiri adi. Ɔne abɔfra no agya ne ne maame ne nʼasuafoɔ baasa no kɔɔ deɛ abɔfra no da hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

40 Na wɔserew no. Na Yesu pam wɔn nyinaa, na ɔfaa abofra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ nea abofra no da hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Marko 5:40
14 Referencias Cruzadas  

Na Horonni, Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabiani Gesem tee no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu yɛn animtiaa kae sɛ: Asɛm bɛn na moredi yi? So, ɔhene anim atua na moretew yi?


Ɛnna ɔkɔɔ mu, na ɔtoo wɔn baanu pon mu, na ɔbɔɔ AWURADE mpae.


Na wɔtee awufo sɔre no, ebinom dii fɛw, na ebinom kae sɛ: Yebetie wo asɛm yi ho bio.


Na Farisifo a wɔyɛ sikapɛfo tee eyinom nyinaa; na wɔserew no.


Mommfa nea ɛyɛ kronkron mmma akraman, na monntow mo nhene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so na wɔannan ammɛtetew mo.


Wɔn a wohu me nyinaa di me ho fɛw tɛɛ wɔn anom wosow wɔn ti ka sɛ:


Nea ne yɔnko serew no ne me, nea osu frɛɛ Onyankopɔn na ogyee no so, wɔserew ɔtreneeni a odi mu no.


Na Lot fii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmabea no kɔ kasae sɛ: Monsɔre mfi ha, na AWURADE rebɛsɛe kurow yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom no ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.


Ɛnyɛ nea ɛkɔ anom na egu onipa ho fi, na mmom nea efi anom ba na egu onipa ho fi.


Na ɔhyɛn hɔ no, obisaa wɔn sɛ: Adɛn na moreyɛ gyegyeegye na moresu? Abofra no nwui, wada.


Na osoo abofra no nsa see no sɛ: Talita, kuum! Ase ne sɛ: Abeawa, mise wo sɛ, Nyan!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios