Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 5:34 - KYERƐW KRONKRON

34 Na osee no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo; kɔ asomdwoe mu, wo yare no nnyae, na wo ho nyɛ wo den!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

34 Na ɔsee no sɛ: Ɔbabaa, wo gyidie agye wo; kɔ asomdwoeɛ mu, wo yadeɛ no nnyae, na wo ho nyɛ wo den.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoe kɔ; wo yare no agyae.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

34 Na ɔsee no sɛ: Ɔbabaa, wo gyidie agye wo; kɔ asomdwoeɛ mu, wo yadeɛ no nnyae, na wo ho nyɛ wo den.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoeɛ kɔ; wo yadeɛ no agyae.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

34 Na osee no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo; kɔ asomdwoe mu, wo yare no nnyae, na wo ho nyɛ wo den!

Ver Capítulo Copiar




Marko 5:34
19 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!


Na Yesu dan ne ho na ohuu no no, ɔkae sɛ: Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidi agye wo. Na efi dɔn no ara mu na ɔbea no ho yɛɛ no den.


Na Yesu see no sɛ: Hu ade! Wo gyidi agye wo.


Na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!


Na ntɛm ara na mogya a etu no no twae, na ɔtee ne honam mu sɛ ne yare no agyae.


Paulo rekasa, na otie; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hui sɛ ɔwɔ gyidi sɛ obedi mu,


Na osee no sɛ: Sɔre kɔ, wo gyidi agye wo.


Na Yesu see no sɛ: Kɔ, wo gyidi agye wo! Na ntɛm ara ohuu ade, na odii n’akyi ɔkwan no so.


Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubui a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ asomdwoe mu. Na osiim fii ne nkyɛn kɔɔ ɔkwantiaa bi.


Ɛnna Eli buae sɛ: Fa asomdwoe kɔ, na Israel Nyankopɔn bɛma wo w’ade a wosrɛɛ no hɔ no.


Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoe mu. Sɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefo ne w’asefo ntam nkosi daa. Na osii mu kɔe; na Yonatan baa kurow no mu.


Kɔ na fa anigye kodi w’aduan, na fa koma pa nom wo nsa, na Onyankopɔn ani asɔ wo nneyɛe dedaw.


Na ɔsaa nnipa pii yare nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree no so sɛ wobesuso no mu.


Na ɔbea no nim nea ayɛ wɔ ne mu nti, ɔde suro ne ahopopo bae bɛkotow n’anim, na ɔkaa ne nokware nyinaa kyerɛɛ no.


Na wɔkyɛɛ hɔ kakra no, anuanom no gyaa wɔn kwan dwoodwoo kɔɔ wɔn a ɛsomaa wɔn no nkyɛn.


Na afiasehwɛfo no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Paulo sɛ: Asafohene no asoma sɛ wonnyaa mo mma monkɔ; enti afei mumfi adi nkɔ dwoodwoo.


na mo mu bi ka kyerɛ no se: Momfa asomdwoe nkɔ, mo ho nyɛ mo hyew na mommee, nanso moamma wɔn nea ehia ɔhonam a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu?


Na sɛ ofi no ho ma akyi ɔsɔfo no ba bɛhwɛ, na sɛ ntotowee no nyerɛwee ofi no mu a, ɛnne ɔsɔfo no mmu ofi no sɛ ɛho tew, efisɛ ntotowee no asa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios