Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 5:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na Yesu tenaa ɔkorow no mu twaa po no baa asuogya bio no, nkurɔfokuw pii behyiaa ne nkyɛn; na ɔwɔ mpoano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na Yesu tenaa kodoɔ no mu twaa ɛpo no baa asuogya bio no, nkurɔfokuo pii bɛhyiaa ne nkyɛn; na ɔwɔ mpoano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu de ɔkorow no twa baa po no fa baabi no, nnipakuw betwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na Yesu tenaa kodoɔ no mu twaa ɛpo no baa asuogya bio no, nkurɔfokuo pii bɛhyiaa ne nkyɛn; na ɔwɔ mpoano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu de kodoɔ no tware baa ɛpo no fa baabi no, nnipakuo bɛtwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na Yesu tenaa ɔkorow no mu twaa po no baa asuogya bio no, nkurɔfokuw pii behyiaa ne nkyɛn; na ɔwɔ mpoano.

Ver Capítulo Copiar




Marko 5:21
5 Referencias Cruzadas  

Na ɔtenaa ɔkorow mu twa baa n’ankasa ne kurom.


Na ofii ase kyerɛkyerɛe bio mpoano; na nkurɔfokuw pii hyia baa ne nkyɛn, enti ɔkɔɔ ɔkorow mu kɔtenaa ase ɛpo no ani; na nkurɔfokuw no nyinaa wɔ mpoano asase no so.


Na wogyaa nkurɔfokuw no kwan no, wɔfaa no kaa wɔn ho ɔkorow no mu sɛnea ɔte no ara; na akorow bi nso ka ne ho.


Na ofii ɔkorow mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi fi aboda mu wɔ asiei hyiaa no;


Na Yesu san bae no, nkurɔfokuw no gyee no; efisɛ wɔn nyinaa retwɛn no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios