Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 5:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Nanso Yesu amma no kwan, na osee no sɛ: Kɔ wo fi, w’abusuafo nkyɛn, na kɔka nneɛma a Awurade ayɛ ama wo ne mmɔbɔ a wahu wo no kyerɛ wɔn!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Nanso wamma no kwan, na ɔsee no sɛ: Kɔ wo fie, w’abusuafoɔ nkyɛn, na kɔka nnoɔma a Awurade ayɛ ama woɔ ne mmɔborɔ a wahu woɔ no kyerɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Nanso Yesu kae se, “Dabi, na kɔ na kɔka anwonwade a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔbɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafo.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Nanso wamma no kwan, na ɔsee no sɛ: Kɔ wo fie, w’abusuafoɔ nkyɛn, na kɔka nnoɔma a Awurade ayɛ ama woɔ ne mmɔborɔ a wahu woɔ no kyerɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Nanso, Yesu kaa sɛ, “Dabi, na kɔ na kɔka anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔborɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafoɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Nanso Yesu amma no kwan, na osee no sɛ: Kɔ wo fi, w’abusuafo nkyɛn, na kɔka nneɛma a Awurade ayɛ ama wo ne mmɔbɔ a wahu wo no kyerɛ wɔn!

Ver Capítulo Copiar




Marko 5:19
12 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔkɔ kɔka kyerɛɛ ne wura sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na abaawa a ofi Israel asase so no ka.


Mo a musuro Onyankopɔn nyinaa, mommra mmetie, na mɛka nea wayɛ ama me kra.


Afei me, Nebukadnesar, mekamfo ɔsoro hene mema no so miyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛe nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee, na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.


Na osiim kɔe, na okofii ase kaa nneɛma akɛse a Yesu yɛ maa no no wɔ Dekapoli; na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa.


San kɔ wo fi, na kɔka ade kɛse a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi kyerɛ! Na ɔkɔe kɔkaa ade kɛse a Yesu ayɛ ama no no kurow no mu nyinaa.


Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios