Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 5:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu nea honhommɔne a ɔde ɛdɔm wɔ no so sɛ ɔte hɔ fura ntama, na n’adwenem atew no; wosuroe.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔbɛhunuu deɛ honhommɔne a ɔde ɛdɔm no wɔ ne so sɛ ɔte hɔ fira ntoma, na n’adwene mu ateɛ no; wɔsuroe.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Nnipakuw no duu faako a Yesu wɔ no wohuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwene mu atew no. Eyi maa wɔn ho dwiriw wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔbɛhunuu deɛ honhommɔne a ɔde ɛdɔm no wɔ ne so sɛ ɔte hɔ fira ntoma, na n’adwene mu ateɛ no; wɔsuroe.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Nnipakuo no duruu baabi a Yesu wɔ no, wɔhunuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwenem ate no. Yei maa wɔn ho dwirii wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu nea honhommɔne a ɔde ɛdɔm wɔ no so sɛ ɔte hɔ fura ntama, na n’adwenem atew no; wosuroe.

Ver Capítulo Copiar




Marko 5:15
21 Referencias Cruzadas  

Na Dawid suroo Onyankopɔn da no, na ɔkae sɛ: Mede Onyankopɔn adaka no mɛba me nkyɛn dɛn?


na kan no ɛnyɛ mo na moyɛe nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn abufuw baa yɛn so, sɛ yɛanhwehwɛ no n’atɔremude no so.


So ne kɛseyɛ rentu mo bo, na ne ho hu mma mo so?


Ɛno na wɔn ho bɛpopo, kɛse pa ara efisɛ Onyankopɔn ka awo ntoatoaso a wɔyɛ atreneefo no ho.


Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na obi betumi akɔ ɔhoɔdenfo fi akɔfow n’afide, gye sɛ odi kan kyekyere ɔhoɔdenfo no ansa na wafow ne fi.


Anaasɛ wususuw sɛ anka mintumi mensrɛ m’agya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafodɔm bɛboro dumien mmegyina me ho?


Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyare, wɔn a ɔhaw horow akita wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui nyinaa brɛɛ no na ɔsaa wɔn yare.


Na otuu honhommɔne no, mum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no nwonwa, na wɔkae sɛ: Wonhuu saa bi da wɔ Israel.


Na wɔn a wɔhwɛ mprako no guanee, na wɔkɔkae kurow no mu ne nkuraa no ase. Na wofii adi sɛ wɔrekɔhwɛ nea aba no.


Na wɔn a wohui no kaa nea ɛyɛɛ nea honhommɔne wɔ no so no ne mprako no ho asɛm no kyerɛɛ wɔn.


Na osii ɔkorow no mu no, nea anka honhommɔne wɔ no so no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn.


na wɔtaa de no to mpokyerɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, nanso ɔtetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no bubu mpokyerɛ no; na obiara ntumi nnwudwo no.


Na Yesu bisaa no sɛ: Wo din de dɛn? Na obuae sɛ: Me din de Ɛdɔm, efisɛ yɛyɛ bebree.


Na ɔwɔ onuabea bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm.


Na osii fam no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ no mu dedaadaw a ofi kurow no mu behyiaa no, ɔnhyɛ atade na ɔnte ɔdan biara mu, na mmom abodan mu na ɔte wɔ asiei.


sɛ wayi yɛn afi sum tumi ase de yɛn aba ne Dɔba no ahenni mu.


efisɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemtew de.


Na Samuel yɛe sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Betlehem. Na kurow no mu mpanyin de ahopopo behyiaa no kae sɛ: Woba no asomdwoe mu anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios