Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 5:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Na wɔn a wɔhwɛ mprako no guanee, na wɔkɔkae kurow no mu ne nkuraa no ase. Na wofii adi sɛ wɔrekɔhwɛ nea aba no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na wɔn a wɔhwɛ mprako no dwanee, na wɔkɔkaa no kuro no mu ne nkuraa no ase. Na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhwɛ deɛ aba no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Mprakohwɛfo no guan baa nkurow a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa nea wɔahu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔtee no kɔhwɛɛ nea asi no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na wɔn a wɔhwɛ mprako no dwanee, na wɔkɔkaa no kuro no mu ne nkuraa no ase. Na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhwɛ deɛ aba no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Mprakohwɛfoɔ no dwane baa nkuro a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa deɛ wɔahunu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔteeɛ no kɔhwɛɛ deɛ asie no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na wɔn a wɔhwɛ mprako no guanee, na wɔkɔkae kurow no mu ne nkuraa no ase. Na wofii adi sɛ wɔrekɔhwɛ nea aba no.

Ver Capítulo Copiar




Marko 5:14
5 Referencias Cruzadas  

Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no huu nea asi no, woguanee, na wɔkɔkae kurow no mu ne nkuraase.


Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no guanguanee, na wɔkɔɔ kurow no mu kɔkaa ne nyinaa ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so no ho asɛm kyerɛe.


Mommfa nea ɛyɛ kronkron mmma akraman, na monntow mo nhene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so na wɔannan ammɛtetew mo.


Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhom fi no fii adi kɔhyɛn mprako no mu, na kuw no nyinaa bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu ɛpo no mu; nso wɔbɛyɛ sɛ mpennu, na wɔn mu tetewee wuwui ɛpo no mu.


Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu nea honhommɔne a ɔde ɛdɔm wɔ no so sɛ ɔte hɔ fura ntama, na n’adwenem atew no; wosuroe.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios