Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 5:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhom fi no fii adi kɔhyɛn mprako no mu, na kuw no nyinaa bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu ɛpo no mu; nso wɔbɛyɛ sɛ mpennu, na wɔn mu tetewee wuwui ɛpo no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhom fi no firii adi kɔhyɛnee mprako no mu, na mprakokuo no nyinaa bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu ɛpo no mu. Na wɔbɛyɛ sɛ mpennu, na wɔteetee wuwui ɛpo no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Yesu maa wɔn ho kwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprakokuw bɛyɛ mpenu no de ahoɔhare sian bepɔw no koguu po no mu ma ɛfaa wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhom fi no firii adi kɔhyɛnee mprako no mu, na mprakokuo no nyinaa bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu ɛpo no mu. Na wɔbɛyɛ sɛ mpennu, na wɔteetee wuwui ɛpo no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Yesu maa wɔn ho ɛkwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprako no de ahoɔherɛ sianee bepɔ no kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhom fi no fii adi kɔhyɛn mprako no mu, na kuw no nyinaa bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu ɛpo no mu; nso wɔbɛyɛ sɛ mpennu, na wɔn mu tetewee wuwui ɛpo no mu.

Ver Capítulo Copiar




Marko 5:13
12 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Wode dɛn? Na ose: Mefi makɔyɛ atoro honhom n’adiyifo nyinaa anom. Na ɔkae sɛ: Wobɛdaadaa no na wubetumi nso; fi kɔ na kɔyɛ saa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, na ɔno ankasa de, mfa wo nsa nka no. Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, oni, ɔwɔ wo nsam, ne nkwa nko na kyɛe so.


Mommfa nea ɛyɛ kronkron mmma akraman, na monntow mo nhene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so na wɔannan ammɛtetew mo.


Na osee wɔn sɛ: Monkɔ! Na wofii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ, mprakokuw no nyinaa bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu po no mu wuwui nsu no mu.


Na ahonhommɔne no nyinaa srɛɛ no sɛ: Pam yɛn kɔ mprako no mu, na yɛnkɔhyɛn wɔn mu!


Na wɔn a wɔhwɛ mprako no guanee, na wɔkɔkae kurow no mu ne nkuraa no ase. Na wofii adi sɛ wɔrekɔhwɛ nea aba no.


Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Onyankopɔn nifa, na abɔfo ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


Na sɛ mfirihyia apem no wie du a, wɔbɛsan Satan afi n’afiase,


Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bun no mu bɔfo a wɔfrɛ ne din Hebri kasa mu sɛ: Abadon, na Hela kasa mu de, ɛde Apolion.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios