Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 4:24 - KYERƐW KRONKRON

24 Na osee wɔn sɛ: Monhwɛ yiye nea mote no ho! Susukora ko a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo, na wɔde bi bɛka mo ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 Na ɔsee wɔn sɛ: Monhwɛ yie deɛ moteɛ no ho. Susukoraa ko a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo, na wɔde bi bɛka mo ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 “Momfa asɛm a mote no nyɛ adwuma. Wɔde mo susukuruwa besusuw ama mo, na ama aboro so mpo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

24 Na ɔsee wɔn sɛ: Monhwɛ yie deɛ moteɛ no ho. Susukoraa ko a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo, na wɔde bi bɛka mo ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 “Monhwɛ yie wɔ deɛ mote no ho. Deɛ mote no, ɛno ara na wɔde bɛma mo, na aboro so mpo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Na osee wɔn sɛ: Monhwɛ yiye nea mote no ho! Susukora ko a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo, na wɔde bi bɛka mo ho.

Ver Capítulo Copiar




Marko 4:24
16 Referencias Cruzadas  

Eyi nti ɛsɛ sɛ yeso nneɛma a yɛate no mu den ma no boro so, na yɛamfi ho da bi.


Enti monhwɛ yiye sɛnea mote asɛm no fa. Na obiara a ɔwɔ no na wɔde bɛma no; na nea onni bi de, nea osusuw sɛ ɔwɔ mpo, wobegye ne nsam.


Na atɛn ko a mubu no, wɔde bebu mo; na ade koro a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo.


Nso Yudafo a ɛwɔ ha no yɛ animdefo sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, efisɛ woyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.


Na eyi de, nea odua no nkyekye mu no betwa no nkyekye mu, na nea odua no bafuu so no betwa no bafuu.


Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi;


Me ba, sɛ wugyae nteɛso tie a, na wobɛfom afi nimdeɛ nsɛm ho!


Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, muntie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam: Dawid adɔeyɛde a esi hɔ pintinn no.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Dɔn no reba na adu a awufo bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔte no benya nkwa.


Na omununkum bi bae bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba, muntie no!


Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.


Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa; efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.


na mompɛ asɛm no nufusu kronkron mapa, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren, na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu,


Sɛ AWURADE se ni: Monhwɛ mo kra so yiye, na monnsoa adesoa bi homeda mmfa mmfa Yerusalem apon mu mmma mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios