Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 3:27 - KYERƐW KRONKRON

27 Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfow n’afide, gye sɛ ɔkyekyere ɔhoɔdenfo no kan, ansa na wafow ne fi nneɛma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ fie nkɔto nhyɛ no so mfom n’afideɛ mfa, gye sɛ ɔkyekyere ɔhoɔdenfoɔ no kane, ansa na wafom ne fie nnoɔma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfa ne nneɛma kwa, agye sɛ, onii no di kan kyekyere ɔhoɔdenfo no, ansa na watumi afa ne nneɛma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

27 Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ fie nkɔto nhyɛ no so mfom n’afideɛ mfa, gye sɛ ɔkyekyere ɔhoɔdenfoɔ no kane, ansa na wafom ne fie nnoɔma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ efie nkɔfa ne nneɛma kwa, agye sɛ, onii no di ɛkan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no, ansa na watumi afa ne nneɛma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfow n’afide, gye sɛ ɔkyekyere ɔhoɔdenfo no kan, ansa na wafow ne fi nneɛma.

Ver Capítulo Copiar




Marko 3:27
17 Referencias Cruzadas  

Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na obi betumi akɔ ɔhoɔdenfo fi akɔfow n’afide, gye sɛ odi kan kyekyere ɔhoɔdenfo no ansa na wafow ne fi.


Mma nkumaa, mufi Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkunim, efisɛ nea ɔwɔ mo mu no so kyɛn nea ɔwɔ wiase mu.


Ne saa nti mɛkyɛ ade mu mama no, nnipa bebree mu, na ɔne ahoɔdenfo akyɛ asade, efisɛ ɔde ne kra too hɔ maa owu, na wɔabu no afra mmaratofo, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofo.


Ɛda no na AWURADE de n’afoa dennen a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe asuboa a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hare, asuboa a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum po mu ɔtweaseɛ kɛse no.


Nea ɔyɛ bɔne no fi bonsam, efisɛ ɔbonsam na ofi mfiase yɛɛ bɔne. Eyi nti na Onyankopɔn Ba no beyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.


na watu mpanyinni ne tumidi agu ayi wɔn adi akyerɛ pefee wɔ baguam de adi wɔn so nkonim wɔ mu.


Afei ne wiase atemmu; afei na wobeyi wiase sodifo no hɔ.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, efisɛ AWURADE asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo;


Enti sɛ mma no anya ɔhonam ne mogya koro no bi no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owu so betu nea ɔwɔ owu tumi a ɔne ɔbonsam no,


na asomdwoe Nyankopɔn no bɛpɛtɛw Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.


Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios