Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 3:24 - KYERƐW KRONKRON

24 Na sɛ ahenni bi ne ne ho di asi a, ahenni no ntumi nnyina.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 Na sɛ ahennie bi ne ne ho di asie a, ahennie no ntumi nnyina.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Ahenni biara a ɛne ne ho di asi no begu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

24 Na sɛ ahennie bi ne ne ho di asie a, ahennie no ntumi nnyina.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Ahennie biara a ɛne ne ho di asie no bɛgu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Na sɛ ahenni bi ne ne ho di asi a, ahenni no ntumi nnyina.

Ver Capítulo Copiar




Marko 3:24
15 Referencias Cruzadas  

Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛn torobɛnto sɛ: Yenni kyɛfa bi Dawid mu, na yenni agyapade Yese ba no nkyɛn, O! Israel, obiara nkɔ ne fi.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Afei de, Bikri ba Seba bɛyɛ yɛn bɔne asen Absalom de no. Wo de, fa wo wura nkoa na tiw no, na wannya banbɔ mu nkurow bi amfa, na wanhaw yɛn anyi ne ho amfi yɛn anim.


na mede wɔn mayɛ ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔw no so, na ɔhene biako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman abien bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahenni abien bio,


Na mibuu me dua biako Nkyekyebom no mu, sɛ wɔnsɛe Yuda ne Israel ntam onuayɛ no.


Na ohuu wɔn adwene no, osee wɔn sɛ: Ahenni biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no dan amamfo; na kurow anaa ofi biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no rennyina.


Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebu mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan?


Na sɛ ofi bi ne ne ho di asi a, ofi no ntumi nnyina.


sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios