Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 2:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wobese obubuafo no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛse obubuani no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nante?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw: sɛ wɔbɛka akyerɛ obubuafo yi se, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaa wɔbɛka se, ‘Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew?’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛse obubuani no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nante?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ? Sɛ obi bɛka akyerɛ obubuafoɔ no sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo’, anaasɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nante’?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wobese obubuafo no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew.

Ver Capítulo Copiar




Marko 2:9
7 Referencias Cruzadas  

Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyare, wɔn a ɔhaw horow akita wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui nyinaa brɛɛ no na ɔsaa wɔn yare.


Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubui a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Na nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre na nantew?


Na sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ onipa ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, osee obubuafo no sɛ:


Na ntɛm ara a Yesu hui ne honhom mu sɛ wɔdwennwene wɔn mu saa no, osee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwennwene eyinom mo koma mu?


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios