Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 2:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hena na obetumi de bɔne akyɛ gye Onyankopɔn nko ara?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hwan na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn nko ara?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 se, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Osusuw sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na otumi de bɔne kyɛ.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hwan na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn nko ara?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 sɛ, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Ɔdwene sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na ɔtumi de bɔne kyɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hena na obetumi de bɔne akyɛ gye Onyankopɔn nko ara?

Ver Capítulo Copiar




Marko 2:7
15 Referencias Cruzadas  

Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.


Na wo na fafiri wɔ wo fam, na wɔasuro wo.


Me, me ara, mene nea ɔpopa wo mmarato, me ara nti, na wo bɔne nso, merenkae.


AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborohunu ne fafiri wɔ no, na yɛatew n’anim atua,


Hena ne Onyankopɔn sɛ wo a wode amumɔyɛ kyɛ na wutwa mmarato ho ma w’agyapade nkae no? Ɔrenso n’abufuw mu daa, na adɔe mmom na ɔpɛ;


Ɛnna ɔsɔfo panyin no sunsuanee n’atade mu sɛ: Waka abususɛm! Dɛn hia na ehia yɛn adansefo bio? Hwɛ, afei moate n’abususɛm no.


Na hwɛ, kyerɛwfo no mu binom kae wɔn mu sɛ: Onipa yi ka abususɛm.


Moate n’abususɛm no; mudwen ho dɛn? Na wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ ɛsɛ sɛ owu.


Na kyerɛwfo a wɔtete hɔ no mu binom dwennwenee wɔn koma mu sɛ:


Na ntɛm ara a Yesu hui ne honhom mu sɛ wɔdwennwene wɔn mu saa no, osee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwennwene eyinom mo koma mu?


Na kyerɛwfo ne Farisifo no fii ase susuwii sɛ: Hena ne oyi a ɔka abususɛm yi? Hena na obetumi de bɔne akyɛ sɛ Onyankopɔn nko ara?


Na wɔn a wɔne no te adidii no fii ase kekae wɔn mu sɛ: Hena ne oyi a ɔde bɔne nso kyɛ?


Yudafo no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebesiw wo abo, na abususɛm nti, efisɛ wo a woyɛ onipa yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn.


adɛn nti na moka nea Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, sɛ mekae sɛ: Onyankopɔn Ba ne me nti?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios