Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 2:27 - KYERƐW KRONKRON

27 Na osee wɔn sɛ: Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ onipa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Na ɔsee wɔn sɛ: Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ nnipa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 “Onipa nti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda nti na wɔbɔɔ onipa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

27 Na ɔsee wɔn sɛ: Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ nnipa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 “Onipa enti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda enti na wɔbɔɔ onipa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Na osee wɔn sɛ: Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ onipa.

Ver Capítulo Copiar




Marko 2:27
13 Referencias Cruzadas  

Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduan anaa anonne anaa afahyɛ anaa ɔsram foforo anaa home nna fam,


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Merebebisa mo: Dɛn na ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ homeda, papa anaa bɔne, sɛ wobegye obi nkwa anaasɛ wobekum no?


na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn, nyɛ adwuma biara, wo ne wo babarima ne wo babea, ne w’akoa ne w’afenaa, ne wo nantwi ne w’afurum ne wo mmoa nyinaa, ne wo hɔho a ɔwɔ wo kurow apon mu: Na w’akoa ne w’afenaa ahome sɛ wo.


nanso mede me home nna memaa wɔn, sɛ ɛnyɛ me ne wɔn ntam sɛnkyerɛnne, na wonhu sɛ mene AWURADE a metew wɔn ho no.


Sɛ wusianka wo nan homeda na me da kronkron no, woanyɛ nea wopɛ, na wofrɛ homeda sɛ anigyede, ne AWURADE da kronkron no sɛ da a ɛsɛ nidi, na wudi no ni, na woamfa wankasa akwan so, na woanyɛ nea wo ara wopɛ, na woankeka nsɛm a,


na monyɛ me home nna no kronkron, na ɛnyɛ me ne mo ntam sɛnkyerɛnne, na munhu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Nnansia na fa yɛ w'adwuma, na ɛda a ɛto so ason no, fa home; ma wo nantwi ne w'afurum nhome, na w'afenaa ba ne wo hɔho nya ahomegye.


Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, dɛn nti na mo bo afuw me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda?


Yiw, mo nti na ne nyinaa yɛ, na adom a adɔɔso no afa nnipa pii so ama aseda aboro so ama Onyankopɔn anuonyam.


Di homeda na yɛ no kronkron, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo no.


Na enti onipa ba no yɛ homeda nso wura.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios