Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 2:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na kyerɛwfo a wofi Farisifo mu no hui sɛ ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi no, wobisaa n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Farisifoɔ mu no hunuu sɛ ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie no, wɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Farisifo no huu sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ne towgyefo ato nsa redidi no, wobisaa nʼasuafo no se, “Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo to nsa didi?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Farisifoɔ mu no hunuu sɛ ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie no, wɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie yi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Farisifoɔ no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ne ɔtogyefoɔ ato nsa redidi no, wɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Adɛn enti na ɔne ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ to nsa didi?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na kyerɛwfo a wofi Farisifo mu no hui sɛ ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi no, wobisaa n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi yi?

Ver Capítulo Copiar




Marko 2:16
14 Referencias Cruzadas  

wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho tew sen wo no. Eyinom ne me hwene mu wusiw, ogya a ɛdɛw daa adesae.


Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo no. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnne bu no sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni.


Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na munya? Towgyefo nso nyɛ saa anaa?


Na Farisifo no hui no, wɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi yi?


Na ɛbae sɛ ɔte adidii ne fi no, towgyefo ne nnebɔneyɛfo bebree ne Yesu ne n’asuafo bɛtenaa adidii; na wɔn a wodi n'akyi no dɔɔso.


Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hena na obetumi de bɔne akyɛ gye Onyankopɔn nko ara?


Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpae ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛnea nnipa a aka no te: Amimfo, nkontompofo, ayerefafo anaa mpo ɔtowgyeni yi mpo.


Na Onipa Ba no bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabegye nea ayera.


Na nkurɔfokuw no hui no, wɔn nyinaa nwiinwii kae sɛ: Ɔkɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.


Na akyerɛwfo ne Farisifo nwiinwii kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi na monom yi?


Na wɔteɛteɛɛm kɛse, na kyerɛwfo a wɔwɔ Farisifo fa mu no sɔre kasakasae sɛ: Yenhu bɔne bi onipa yi mu; na sɛ honhom anaa ɔbɔfo akasa akyerɛ no ɛ?


Na onipa a ɔwɔ honhom mu no de, obu ade nyinaa atɛn, na ɔno de, obi mmu no atɛn.


Na munsusuw nea ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios