Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 16:18 - KYERƐW KRONKRON

18 wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom awuduru biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Wobeso awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduru bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔbɛsɔ awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduro bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa bɛgu ayarefoɔ so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom awuduru biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.

Ver Capítulo Copiar




Marko 16:18
21 Referencias Cruzadas  

Hwɛ, mema mo tumi sɛ muntiatia awɔ ne nkekantwɛre ne ɔtamfo no ahoɔden nyinaa so; na biribiara rentumi nyɛ mo hwee.


na ɛma wɔde ne ho nnukuu anaa nsɛnanim po beguu ayarefo so, na nyarewa no fii wɔn so, na ahonhommɔne fii wɔn mu.


bere a woteɛ wo nsa sa wɔn yare na wɔnam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi.


Na ɛnam ne din mu gyidi so ne ne din so na ama oyi a muhu no na munim no yi ho ayɛ no den. Yiw, Yesu mu gyidi na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Enea, Yesu Kristo asa wo yare. Sɔre, na wo ankasa sɛw wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara.


Na Petro hui no, osee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwonwa, anaasɛ dɛn na mohwɛ yɛn haa te sɛnea yɛn ankasa tumi anaa ɔsom pa na yɛde ma ɔnantewee yi?


na ɔsrɛɛ no pii sɛ: Me babea rewu, na bra na fa wo nsa begu no so, na ne ho nyɛ no den, na onnya nkwa.


Wobɛnantew gyata ne ahurutoa so, wubetiatia gyataforo ne ɔtweaseɛ so.


na asomdwoe Nyankopɔn no bɛpɛtɛw Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.


Ɔfoforo nso wɔma no gyidi, Honhom koro no ara mu; obi nso wɔma no ayaresa adom akyɛde, Honhom koro no ara mu.


mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asan yi.


Na onipa a wɔyɛɛ ayaresa sɛnkyerɛnne yi wɔ ne ho no adi boro mfirihyia aduanan.


Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios