Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 16:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Na osee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔde nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ ewiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na osee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔde nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Marko 16:15
27 Referencias Cruzadas  

Asase ano ano sofo nyinaa bɛkae adan aba AWURADE nkyɛn, na amanaman mmusuakuw nyinaa abɛkotow n’anim.


Monka n’anuonyam, amanaman mu, n’anwonwade, aman nyinaa mu.


Wakae n’adɔe ne ne nokware ama Israel fi, asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.


Monnan mo ho mmra me nkyɛn na wonnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa Na mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio.


ose: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuw so, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn so no asan aba; na mede wo mɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagye akodu asase ano.


AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


Na etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.


Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ na monkɔsow aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Asomdwoe nka mo! Sɛnea Agya no asoma me no, me nso mesoma mo.


de besii da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafo a ɔpaw wɔn no ahyɛde, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho no.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho.


Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate, wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duu wiase ano.


na afei wɔayi no adi, na wɔnam adiyifo kyerɛw nsɛm no so ayi no adi akyerɛ amanaman mufo, sɛnea daa Nyankopɔn hyɛ no te, ama osetie a ɛde kɔ gyidi mu,


Na ɔbae bɛkaa asomdwoe ho asɛmpa kyerɛɛ mo a mowɔ akyiri ne wɔn a wɔbɛn,


nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidi mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wontwe mo mfi asɛmpa no anidaso a motee a wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfo no.


Asɛmpa no aba mo nkyɛn, sɛnea ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛresow aba na ɛkɔ so nyin, sɛnea ɛte wɔ mo mu nso fi da a motee na muhuu Nyankopɔn adom nokware mu no,


Na yɛahu na yedi adanse sɛ: Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa.


Na mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios