Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 15:18 - KYERƐW KRONKRON

18 na wofii ase kyiaa no sɛ: Yudafo hene, Mo!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 na wɔfitii aseɛ kyeaa no sɛ: Mo, Yudafoɔ hene!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Wofii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo hene, wo nkwa so!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 na wɔfitii aseɛ kyeaa no sɛ: Mo, Yudafoɔ hene!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔhyɛɛ aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛ sɛ, “Yudafoɔ ɔhene, wo nkwa so!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 na wofii ase kyiaa no sɛ: Yudafo hene, Mo!

Ver Capítulo Copiar




Marko 15:18
11 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ n'agya ne ne nuanom no, n'agya kaa n'anim sɛ ɔdae bɛn na woaso yi? So ɔba na me ne wo na ne wo nuanom bɛba abɛkotow fam wɔ w'anim?


Afei mommra mma yenkum no mfa no nto mmura yi bi mu, na yɛnka sɛ: Aboa bɔne bi na awe no, na yɛahwɛ nea ne dae no bewie.


na wɔde nsɔe nwenee abotiri hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire hyɛɛ ne nsa nifa mu, na wobuu nkotodwe n’anim goruu ne ho sɛ: Yudafo hene, mo oo!


Na wɔhyɛɛ no atade kɔkɔɔ bi, na wɔnwenee nsɔe abotiri hyɛɛ no,


Na wɔde abaa paa n’atifi, na wɔtoo ntasu guu no so, na wobuu nkotodwe sɔree no.


Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na Yesu bua see no sɛ: Wo na woreka.


na wɔkɔɔ so ara baa ne nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yudafo hene, mo oo! Na wɔbobɔɔ no asotɔre.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios