Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 14:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye ma no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho de, nanso onipa a obeyi no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye ma no.

Ver Capítulo Copiar




Marko 14:21
28 Referencias Cruzadas  

Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.


Ma owu ntow nsi wɔn so, ma wonsian nkɔ asaman anikan, na nsɛmmɔne wɔ wɔn tenabea ne wɔn mu.


Sɛnea wo ho yɛɛ nnipa pii ahodwiriw no, esiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa de, na ne nipaban nte sɛ nnipa mma de bio no nti,


Wɔahyɛ mfe aduɔsɔn ahorow asɔn, wɔ wo man ne wo kurow kronkron no so, sɛ wonwie mmarato na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpata amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronne mu ade kronkron.


Na saa bere no akyi no, wobetwa nea wɔasra no no akyene a ɛrenka no hwee; na ɔberɛmpɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kurow ne kronkronbea no, na n’awiei bɛyɛ nyirisramso mu, na akodi bedu awiei, amamfoyɛ a wɔahyɛ no pintinn.


Afoa, sɔre hyɛ me guanhwɛfo ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo Awurade asɛm ni; bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no mpete, na mɛdan me nsa aba nkumaa no so.


Na ɛnne ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?


Na eyi nyinaa aba na nea adiyifo no kae kyerɛw nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafo no nyinaa gyaw no guanee.


Na osee wɔn sɛ: Ɛyɛ dumien no mu biako a ɔne me to nsa asanka mu no a.


Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo hyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Munnye! Eyi ne me honam.


Daa mewɔ mo nkyɛn asɔrefi mekyerɛkyerɛ no, moankyere me; na sɛ kyerɛw nsɛm no bɛba mu ntia!


Na Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔahyɛ no de, nanso onipa a obeyi no ama no nnue!


Na osee wɔn sɛ: Eyi ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ etwa sɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara ne Adiyifo ne Nnwom mu wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Eyi akyi a Yesu hui sɛ wɔanya awie nneɛma nyinaa no, (sɛnea ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu nti), ɔkae sɛ: Osukɔm de me.


sɛ ɔmfa ɔsom yi ne asomafodwuma a Yuda fii mu teree ho sɛ ɔrekɔ ɔno ankasa tenabea no kyɛfa no nsom!


ɔno ara na wɔnam Onyankopɔn agyina a otui, ne ne nim a onim dedaw so yii no mae no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa so bɔɔ no asɛnnua mu kum no.


Na wohyiae ampa tiaa w’abofra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios