Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 13:24 - KYERƐW KRONKRON

24 Na nna no mu ahohiahia no akyi no, owia beduru sum na ɔsram renhyerɛn,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 Na nna no mu ahohiahia no akyiri no, owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 “Ahohia no akyi no, “ ‘owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

24 Na nna no mu ahohiahia no akyiri no, owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 “Ahohia no akyi no, “ ‘owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Na nna no mu ahohiahia no akyi no, owia beduru sum na ɔsram renhyerɛn,

Ver Capítulo Copiar




Marko 13:24
20 Referencias Cruzadas  

Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia beduru sum n’adifi mu, na ɔsram nso renharan.


Na Awurade da no bɛba sɛ owifo ba. Emu na ɔsoro de kukurududu betwam akɔ, na ewim mfitiasede bɛhyew asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhyew.


So AWURADE da no yɛ sum? So ɛyɛ hann? Ɛyɛ kusuu, na ɛnhyerɛn!


Owia ne ɔsram aduru sum, na nsoromma agyae haran.


Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


sɛ motwɛn na morepɛ Onyankopɔn da no ba ntɛm yi? Ɛno mu na ɔsoro bɛsɔ ogya asɛe, na wim mfitiasede anan ahyew.


Asase wosow wɔn anim; ɔsoro hinhim, owia ne ɔsram aduru sum, na nsoromma kame ne haran.


Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina; na ɛbɛyɛ ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so, ebi ɛmmae da, na ɛbere no mu na wobegye wo manfo afi mu, obiara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no.


ogya te sɛ asubɔnten sen fi n’anim bae, mpem mpem som no, na ɔpedu huhaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wobuebuee nhoma no mu.


Na sɛ midum wo sɛ kanea a, mɛkata ɔsoro, na mama ne nsoromma abiri tumm; mede omununkum mɛkata owia ani, na ɔsram renharan.


Ɛno nti na asase di nkɔmmɔ, na ɔsoro biri tumm wɔ so, efisɛ maka, mabɔ me tirim, na merennu me ho, na merensan mimfi ho.


Na mo de, monhwɛ yiye, efisɛ madi kan aka ne nyinaa akyerɛ mo dedaw.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios