Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 13:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Na nna no bɛyɛ ahohiahia a efi Onyankopɔn adebɔ no mfiase de bedu nnɛ ɛmmae saa da, nanso ɛremma saa bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na nna no bɛyɛ ahohiahia a ɛfiri Nyankopɔn adebɔ mfitiaseɛ de bɛduru nnɛ, ebi mmaa saa da, nanso ɛremma saa bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Na ahohia a ɛbɛba saa mmere no mu no, efi bere a Onyankopɔn bɔɔ ade no bi nsii da, na bi nso rensi da.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Na nna no bɛyɛ ahohiahia a ɛfiri Nyankopɔn adebɔ mfitiaseɛ de bɛduru nnɛ, ebi mmaa saa da, nanso ɛremma saa bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Na ahohia a ɛbɛba saa mmerɛ no mu no, ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ adeɛ no, ebi nsii da, na ebi nso rensi da.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na nna no bɛyɛ ahohiahia a efi Onyankopɔn adebɔ no mfiase de bedu nnɛ ɛmmae saa da, nanso ɛremma saa bio.

Ver Capítulo Copiar




Marko 13:19
17 Referencias Cruzadas  

So ɛmfa mo a mofa ɔkwan so twam nyinaa ho bi? Monhwɛ na munhu, sɛ ɛyaw bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yaw a wɔde aba me so yi a AWURADE de ahow me werɛ n’abufuhyew da no!


Dɛn adanse na minni wo, dɛn na memfa mento wo ho, O Yerusalem babea? Dɛn na memma ɛne wo nsɛ, na mede makyekye wo werɛ, O ɔbaabun, Sion babea? Wo yaw so sɛ ɛpo; hena na obetumi asa wo yare?


Na me man babea amumɔyɛ so sen Sodom bɔne no, ɛno na wobutuwii afrɛso a ɛnyɛ nsa na ɛsɛee no.


Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina; na ɛbɛyɛ ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so, ebi ɛmmae da, na ɛbere no mu na wobegye wo manfo afi mu, obiara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no.


Na wahyɛ n’asɛm a ɔka tiaa yɛn ne yɛn akannifo a wobuu yɛn atɛn no den, sɛ ɔde bɔne kɛse a ebi mmae, wiase nyinaa pɛn, sɛnea ɛbae Yerusalem no, baa yɛn so.


Na saa bere no akyi no, wobetwa nea wɔasra no no akyene a ɛrenka no hwee; na ɔberɛmpɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kurow ne kronkronbea no, na n’awiei bɛyɛ nyirisramso mu, na akodi bedu awiei, amamfoyɛ a wɔahyɛ no pintinn.


esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da. Ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den a ebi nte sɛ no fi teteete, na n’akyi nso ebi renyɛ sɛ ɛno awo ntoatoaso a edidi so mfe mu reyerɛw sɛ adekyeehema yerɛw mmepɔw so no.


Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.


na efi adebɔ mfiase no, ɔbarima ne ɔbea na Onyankopɔn bɔɔ wɔn.


Na mommɔ mpae, na amma awɔw bere mu.


Na sɛ Awurade antwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; na wɔn a wɔayi wɔn, a woyii wɔn no nti, obetwa nna no so.


ɛnne AWURADE bɛma wo haw ne w’asefo haw ayɛ nwonwa, ɔhaw akɛse a ɛkyɛ ne nyarewa bɔne a ɛkyɛ;


Na bisa nna a atwam a edi w’anim no, efi da a Onyankopɔn bɔɔ onipa asase so, na bisa fi ɔsoro ano kɔpem ano, sɛ wɔayɛ biribi a ɛte sɛ asɛnkɛse yi, anaasɛ wɔate biribi sɛ ɛno?


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wunim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios