Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 13:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Na sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman no sɛ egyina nea ɛnsɛ no a, (ma nea ɔkenkan no nte ase!) Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no sɛ ɛgyina faako a ɛnsɛ no a, (ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ!) ɛno na ma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 “Enti sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfo, hwɛ yiye! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nguan nkɔ mmepɔw no so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no sɛ ɛgyina faako a ɛnsɛ no a, (ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ!) ɛno na ma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 “Enti, sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfoɔ, hwɛ yie! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nnwane nkɔ mmepɔ no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman no sɛ egyina nea ɛnsɛ no a, (ma nea ɔkenkan no nte ase!) Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so;

Ver Capítulo Copiar




Marko 13:14
14 Referencias Cruzadas  

Ɔhohiafo no ateɛ ne nsa n’afɛfɛde nyinaa so, na wahu amanaman mpo, sɛ wɔrefow ne kronkronbea hɔ ade, nnipa a wohyɛe sɛ wɔnnhyɛn w’asafo mu no.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɔnanani biara a ɔyɛ komam momonoto ne ɔhonam mu momonoto nnhyɛn me kronkronbea, ananafo a ɛwɔ Israelfo mu nyinaa mu.


Na ɔde dɔm besisi hɔ, na wɔahura kronkronbea ne aban no ho, na wɔayi daa afɔre no, na wɔde amamfoyɛ akyide no asi hɔ.


Na efi bere a wobeyi daa afɔre na wɔde amamfoyɛ akyide asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduakron.


Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforo ka kyerɛɛ obiako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfoyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wontiatia so no ho adehu no bɛkɔ akosi?


Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den dapɛn biako; na dapɛn no fa mu, ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛdema agyae, na amamfoyɛ akyide no atifi na ɔsɛefo bɛba, na ɛbɛkɔ so akosi sɛ ɔsɛe pasaa a wɔahyɛ no pintinn behwie agu amamfoyɛfo no so.


Moate eyinom nyinaa ase anaa? Wobuaa no sɛ: Yiw.


Anuanom, monnyɛ mmofra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmofra, na dwen mu de, munwie nyin.


Nhyira ne nea ɔkekan ne wɔn a wotie adiyi nsɛm no, na wɔde nea wɔakyerɛw wɔ mu no sie; na ɛbere no abɛn.


Ɛha na wɔhwehwɛ nyansa. Nea ɔwɔ ntease mmu aboa no akontaa ntoano, na ɛyɛ onipa akontaa ntoano, na n’akontaa ntoano si ahansia aduosia asia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios