Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 13:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na ɛtwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kane!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di kan du ɔman biara so ansa na awiei no aba.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɛtwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kane!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di ɛkan duru ɔman biara so ansa na awieeɛ no aba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.

Ver Capítulo Copiar




Marko 13:10
10 Referencias Cruzadas  

Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu na wɔabu wɔn fɔ, efisɛ wɔsakraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha.


Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.


Na osee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔde nyinaa.


Nea edi kan ne sɛ mo nyinaa nti, menam Yesu Kristo so meda me Nyankopɔn ase, efisɛ wɔka mo gyidi ho asɛm wiase nyinaa.


Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate, wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duu wiase ano.


nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie fi Yerusalem ne nkurow a atwa ho ahyia so akodu Iliriko.


nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidi mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wontwe mo mfi asɛmpa no anidaso a motee a wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfo no.


Asɛmpa no aba mo nkyɛn, sɛnea ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛresow aba na ɛkɔ so nyin, sɛnea ɛte wɔ mo mu nso fi da a motee na muhuu Nyankopɔn adom nokware mu no,


Na mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios