Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 13:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔrefi asɔrefi hɔ no, n’asuafo no mu biako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, hwɛ abo bi ne aban bi!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔrefiri asɔrefie hɔ no, n’asuafoɔ no mu baako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, hwɛ aboɔ bi ne aban bi!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu refi asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafo no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛnea wɔde abo asiesie afasu no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔrefiri asɔrefie hɔ no, n’asuafoɔ no mu baako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, hwɛ aboɔ bi ne aban bi!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu refiri asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛdeɛ wɔde aboɔ asiesie afasuo no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔrefi asɔrefi hɔ no, n’asuafo no mu biako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, hwɛ abo bi ne aban bi!

Ver Capítulo Copiar




Marko 13:1
9 Referencias Cruzadas  

Na Yeremia ka kyerɛɛ Seraia sɛ: Sɛ wudu Babel a, hwɛ na kenkan nsɛm yi nyinaa,


na Kerubim no momaa wɔn ntaban so, na wɔmomaa wɔn ho so fii asase so, m’anim, sɛ wɔrefi adi, na nkyimii no wowɔ wɔn nkyɛn mu; na wokogyinaa AWURADE fi apuei fam ponkɛse no ano, na Israel Nyankopɔn anuonyam no wɔ wɔn atifi wɔ soro.


Ɛnna AWURADE anuonyam no maa ne ho so fii Kerub no so kɔɔ ɔdan no apongua atifi, na omununkum no hyɛɛ ɔdan no ma, na AWURADE anuonyam hyerɛn hyɛɛ abangua no so ma.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so wuhu nea wɔreyɛ yi? Akyide akɛse a Israel fi reyɛ ha yi, sɛ mimfi me kronkronbea menkɔ akyirikyiri. Na wobɛsan ahu akyide akɛse bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios