Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 12:41 - KYERƐW KRONKRON

41 Na Yesu kɔtenaa sika adaka no anim no, ɔhwɛe sɛnea nkurɔfo no de sika regu tow adaka no mu; na adefo pii de bebree beguu mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

41 Na Yesu kɔtenaa sika adaka no anim, ɔhwɛɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ no de sika regu adaka no mu; na adefoɔ pii de bebree bɛguu mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Da bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa afɔrebɔ adaka a esi hɔ no anim hwɛɛ sɛnea nkurɔfo no de sika regu adaka no mu. Asikafo no de sika a ɛdɔɔso guu mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

41 Na Yesu kɔtenaa sika adaka no anim, ɔhwɛɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ no de sika regu adaka no mu; na adefoɔ pii de bebree bɛguu mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Ɛda bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa afɔrebɔ adaka a ɛsi hɔ no anim hwɛɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ no de sika regu adaka no mu. Asikafoɔ no de sika a ɛdɔɔso guu mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

41 Na Yesu kɔtenaa sika adaka no anim no, ɔhwɛe sɛnea nkurɔfo no de sika regu tow adaka no mu; na adefo pii de bebree beguu mu.

Ver Capítulo Copiar




Marko 12:41
5 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔsɔfo Yehoiada faa adaka bi, na otuu ne mmuaso mu tokuru, na ɔde sii afɔremuka no ho, nea wɔfa ba AWURADE fi no nifa; na asɔfo a wɔhwɛ ɔpon no ano no de sika a wɔde ba AWURADE fi no nyinaa guu mu.


Na asɔfo mpanyimfo no faa nnwetɛbona no kae sɛ: Enni ho kwan sɛ wɔde gu ayɛyɛde adaka mu, ɛnam sɛ, ɛyɛ mogya ano bo.


Na ɔbea kunafo hiani bi nso bae, na ɔde kaprɛba abien a ɛbɛyɛ kaprɛ beguu mu.


Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefi no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankyere no, efisɛ ne dɔn nnya nnui.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios