Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 12:26 - KYERƐW KRONKRON

26 Na ɛfa awufo nyan ho de, monkanee Mose nhoma mu, wɔ nwura no ho, sɛnea Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na ɛfa awufoɔ nyane ho deɛ, monkenkanee no Mose nwoma mu wɔ wira no ho sɛdeɛ Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Afei nea ɛfa awufo nyan no ho nso, monkenkan Mose nhoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne nwura a na ɛhyew no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

26 Na ɛfa awufoɔ nyane ho deɛ, monkenkanee no Mose nwoma mu wɔ wira no ho sɛdeɛ Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Afei, ɛfa awufoɔ owusɔreɛ no ho no nso, monnkanee Mose nwoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne wira a na ɛrehyeɛ no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na ɛfa awufo nyan ho de, monkanee Mose nhoma mu, wɔ nwura no ho, sɛnea Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?

Ver Capítulo Copiar




Marko 12:26
16 Referencias Cruzadas  

Na ɛfa awufo nyan ho de Mose nso kyerɛɛ wɔ wura no ho asɛm no mu sɛ ɔfrɛ Awurade sɛ: Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.


Na osii afɔremuka wɔ hɔ, na ɔtoo no: El-Elohe-Israel, ase ne: Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn.


Kɔ na kɔboa Israel mpanyimfo ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Ɔhwɛ na mabɛhwɛ mo ne nea wɔreyɛ mo wɔ Misraim no.


Na Yakob kae sɛ: M'agya Abraham Nyankopɔn ne m'agya Isak Nyankopɔn, AWURADE a wusee me sɛ: San kɔ w'asase so ne w'abusua mu na mɛyɛ wo yiye no,


Sɛ m'agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn ne Isak suro annyina m'akyi a, anka afei wugyaa me kwan nsapan. M'amane ne me nsa ano adwumayɛ na Onyankopɔn hui, na ɔkaa w'anim nnɛra anadwo.


Na Awurade yii ne ho kyerɛɛ no anadwo no ara kae sɛ: Mene w'agya Abraham Nyankopɔn, nsuro, na medi w'akyi mehyira wo, na m'akoa Abraham nti mɛma w'asefo adɔ.


Nso monkenkan kyerɛw yi pɛn ɛ, sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea tibo.


Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ose: Mene AWURADE, w'agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn, asase a woda so yi, mede mɛma wo ne w'asefo.


Na wonya sɔre fi awufo mu a, wɔnware, nso wɔmma aware, na wɔte sɛ abɔfo wɔ ɔsoro.


Yesu see no sɛ: Nka me, na minnya menkɔɔ ɔsoro m’Agya nkyɛn ɛ. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.


Onyankopɔn ntow ne man a ohuu wɔn siei no nkyenee. Anaasɛ munnim nea kyerɛw no ka fa Elia ho, sɛ ogyina Onyankopɔn anim bɔɔ Israelfo kwaadu?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios