Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 12:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Na wɔbae no, wosee no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo; na wonhwehwɛ biribi mfi obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi? Yentua anaasɛ yenntua?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na wɔbaeɛ no, wɔsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ na wonhwehwɛ biribi mfiri obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare, anaasɛ wɔnyi? Yɛntua anaasɛ yɛnntua?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo a wotaa ka nokware. Nea onipa ka no ntumi nnan wʼadwene. Afei wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yebisa wo se, eye sɛ woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare anaa enye?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na wɔbaeɛ no, wɔsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ na wonhwehwɛ biribi mfiri obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare, anaasɛ wɔnyi? Yɛntua anaasɛ yɛnntua?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ a, wotaa ka nokorɛ. Deɛ onipa ka no ntumi nnane wʼadwene. Afei, wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yɛbisa wo sɛ, ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na wɔbae no, wosee no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo; na wonhwehwɛ biribi mfi obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi? Yentua anaasɛ yenntua?

Ver Capítulo Copiar




Marko 12:14
36 Referencias Cruzadas  

Na Mikaia se: Sɛ AWURADE te ase yi, nea me Nyankopɔn bɛka no, ɛno na mɛka.


Na afei AWURADE ho hu ntena mo so. Monhwɛ mo ho yiye na monyɛ, efisɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne mmoaagye nni ne fam.


Na ɛma nnɔbae pii ma ahemfo a wode wɔn asisi yɛn so, yɛn bɔne mu no, na wodi yɛn nipadua so ne yɛn mmoa so sɛnea wɔpɛ, na yɛwɔ ahohiahia kɛse mu.


AWURADE, yi me kra fi atoro ano fi nnaadaa tɛkrɛma mu.


N’anom nsɛm yɛ fekɔɔ sen bɔta, nanso ɔko wɔ ne komam. Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sen ngo, nanso ɛyɛ mfoa a wɔatwe.


Na moatwa mo ankasa mo kra nkontompo, efisɛ mo ara na mosomaa me AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn, na sɛnea AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa no, saa na ka kyerɛ yɛn na yɛnyɛ.


Na me de, AWURADE honhom mu tumi ne atemmu ne mmaninyɛ ahyɛ me ma, sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato, ne Israel ne bɔne.


Na wɔsomaa wɔn asuafo kaa Herodefo no ho baa ne nkyɛn sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wokyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim.


Enti kyerɛ yɛn nea wudwen. Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi?


Na wɔsomaa Farisifo ne Herodefo no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm.


Na ohuu wɔn nyaatwom no, osee wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ!


Na odui no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Rabi! Na ofew n’ano.


Yɛwɔ ho kwan sɛ yeyi tow ma Kaesare anaasɛ yennyi?


Na wofii ase totoo n’ano sɛ: Yɛahu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabra sɛ wonnyi tow mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ankasa ne ɔhene Kristo no.


Nea ɔbɔ n’ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ nni no mu.


Eyi nti nso na muyi tow, efisɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wokura ɔsom yi mu ara.


Na yɛnte sɛ nnipa bebree a wɔnenam tɔn Onyankopɔn asɛm no, na mmom sɛ wɔn a woyi wɔn yam kasa, Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim.


Na sɛ mehow mo werɛ a, na hena na ɔma me bo tɔ me yam sɛ nea mehow ne werɛ no ara?


Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborohunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa abaw,


Na sɛ yenim Awurade ho hu nti, yɛkasa kyerɛ nnipa sɛ wonhu no saa, na Onyankopɔn de, yɛada adi ama no; na m’ani da so sɛ yɛada adi mo ahonim mu nso.


Enti afei nnɛ yi, yennim obiara ɔhonam fam; na sɛ yehuu Kristo ɔhonam fam mpo a, afei de, yennim no saa bio.


Na afei anim pa na merehwehwɛ afi nnipa hɔ anaasɛ Onyankopɔn hɔ? Anaasɛ merehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, ɛnne na menyɛ Kristo akoa.


Na wɔn a wobu sɛ wɔwɔ din no, (nea wɔte biara, ɛmfa me ho hwee; Onyankopɔn nhwɛ onipa anim nyiyi mu), na me de, wɔn a wɔwɔ din no amfa biribiara anka me ho,


Nnan atemmu ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adammude; na ademmude fura anyansafo aniwa, na ɛdan treneefo nsɛm ani butuw.


na sɛnea Onyankopɔn abu no sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa no hyɛ yɛn nsa no, saa ara nso na yɛkasa, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn koma hwɛ no ani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios