Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 11:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Na ɔkasa kyerɛɛ borɔdɔma no sɛ: Obiara renni wo so aba bio da! Na n’asuafo no tee.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na ɔkasa kyerɛɛ borɔdɔma no sɛ: Obiara renni wo so aba bio da! Na asuafoɔ no teeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Yesu domee borɔdɔma dua no se, “Efi nnɛ, worensow aba bio!” Asuafo no tee asɛm a ɔkae no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na ɔkasa kyerɛɛ borɔdɔma no sɛ: Obiara renni wo so aba bio da! Na asuafoɔ no teeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Nanso, Yesu domee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Asuafoɔ no tee asɛm a ɔkaeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na ɔkasa kyerɛɛ borɔdɔma no sɛ: Obiara renni wo so aba bio da! Na n’asuafo no tee.

Ver Capítulo Copiar




Marko 11:14
15 Referencias Cruzadas  

Na ohuu borɔdɔma bi ɔkwan so no, otwiw bɛn ho, na wanhu hwee wɔ so sɛ nhaban nko. Na osee no sɛ: Worensow aba bio ara da! Amonom hɔ ara na borɔdɔma nhaban no poe.


Muntie bɛ foforo! Ofiwura bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ bobe turo, na ogyee ho ban hyiae, na otuu mu nsa-kyi-amoa, na ɔtoo abantenten, na ɔde hyɛɛ ahwɛsofo bi nsa, na ogyaw hɔ kɔɔ baabi.


Na nea ɔbɛhwe ɔbo yi so no, bebubu, na nea ɛbɛhwe no so no, ɛbɛpɛtɛw no.


Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw; enti dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu.


Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu.


Na ohuu borɔdɔma bi wɔ akyiri sɛ nhaban wɔ so no, ɔkɔɔ hɔ sɛ ebia obehu biribi wɔ so anaa. Na oduu ho no, wanhu hwee sɛ ahaban nko ara; efisɛ borɔdɔma bere nnui ɛ.


Na woduu Yerusalem. Na ɔkɔhyɛn asɔrefi no, ofii ase pam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ ade asɔrefi hɔ; na obutuw sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkongua,


Sɛ obi antena me mu a, wɔtow no kyene sɛ baa, na ewu; na wɔboaboa ano de kogu gya mu, na ɛhyew.


Na sɛ wɔnam Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo ho nimdeɛ so aguan wiase fi, na wɔtoatoa bio wɔ mu di nkogu a, wɔn akyiri asetena adan wɔn bɔne akyɛn kan de no.


Nea ɔnteɛ no nnteɛ ara, na nea ɔyɛ fi no nyɛ fi ara. Na nea ɔteɛ no nteɛ ara, na nea ɔyɛ kronkron no nyɛ kronkron ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios