Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:46 - KYERƐW KRONKRON

46 Na woduu Yeriko. Na ɔne n’asuafo no ne nkurɔfokuw bebree refi Yeriko akɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifuraefo no, te kwankyɛn resrɛsrɛ ade.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

46 Wɔduruu Yeriko. Na ɔne n’asuafoɔ no ne nkurɔfokuo bebree refiri Yeriko akorɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifirani no, te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

46 Yesu ne nʼasuafo no beduu Yeriko. Wɔrefi kurow no mu no, nnipakuw tu dii wɔn akyi. Saa bere a Yesu retwa mu no, na onifuraefo Bartimeo a ne din nkyerɛase ne “Timoteo ba” no te kwankyɛn resrɛsrɛ ade.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

46 Wɔduruu Yeriko. Na ɔne n’asuafoɔ no ne nkurɔfokuo bebree refiri Yeriko akorɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifirani no, te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

46 Yesu ne nʼasuafoɔ no bɛduruu Yeriko. Wɔrefi kuro no mu no, nnipakuo tu dii wɔn akyi. Saa ɛberɛ a Yesu retwa mu no, na onifirani Bartimeo a ne din nkyerɛaseɛ ne “Timoteo ba” no te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

46 Na woduu Yeriko. Na ɔne n’asuafo no ne nkurɔfokuw bebree refi Yeriko akɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifuraefo no, te kwankyɛn resrɛsrɛ ade.

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:46
9 Referencias Cruzadas  

Na ɔregu no, ebi koguu kwankyɛn, na nnomaa bae bɛsosɔwee.


Na ohiani bi a watutu akuru nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’abobow ano.


Na ɛbae sɛ ohiani no wui, na abɔfo bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefo no nso wui, na wosiee no.


Na ɛbae sɛ ɔrebɛn Yeriko no, na onifuraefo bi te kwankyɛn resrɛsrɛ ade.


Na Yesu kɔhyɛn Yeriko sɛ ɔretwam.


Ɛnna afipamfo ne wɔn a kan wohuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfo no kae sɛ: Ɛnyɛ oyi na ɔte hɔ srɛsrɛ ade no?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios