Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:45 - KYERƐW KRONKRON

45 Na onipa ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

45 Na Onipa Ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyedeɛ ama nnipa pii.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

45 Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra too hɔ sɛ mpata maa nnipa nyinaa.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

45 Na Onipa Ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyedeɛ ama nnipa pii.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

45 Me a meyɛ Onipa Ba no, mamma sɛ wɔnsom me na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛboa afoforɔ, na mede me kra ayɛ mpata ama nnipa pii.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

45 Na onipa ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:45
16 Referencias Cruzadas  

Wɔahyɛ mfe aduɔsɔn ahorow asɔn, wɔ wo man ne wo kurow kronkron no so, sɛ wonwie mmarato na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpata amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronne mu ade kronkron.


Na saa bere no akyi no, wobetwa nea wɔasra no no akyene a ɛrenka no hwee; na ɔberɛmpɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kurow ne kronkronbea no, na n’awiei bɛyɛ nyirisramso mu, na akodi bedu awiei, amamfoyɛ a wɔahyɛ no pintinn.


sɛnea Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii ne no.


na obiara a ɔpɛ sɛ obedi mo kan no, ɔbɛyɛ mo nyinaa akoa.


sɛnea Agya no nim me, na me nso minim Agya no. Na mede me kra meto hɔ mema nguan no.


Afei sɛ me, Awurade ne kyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ mo nso sɛ mohohoro mo ho mo ho anan ho.


Efisɛ, nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee wɔ ne mu.


Na munim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefo de, nanso, mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, sɛ monam ne hia no so abɛyɛ adefo.


Wɔde Kristo yɛɛ abusude maa yɛn, ama watɔ yɛn afi mmara nnome ase, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛn dua so,


Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie,


na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ oguammaa a onni dɛm ne nkekae no mogya a ne bo yɛ den no na egyee mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios