Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:43 - KYERƐW KRONKRON

43 Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛse no, ɔbɛyɛ mo somfo,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

43 Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔbɛyɛ somfoɔ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 nanso mo de, ɛnte saa wɔ mo ho. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

43 Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔbɛyɛ somfoɔ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 nanso mo deɛ, ɛnte saa wɔ mo ho. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo ɔsomfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛse no, ɔbɛyɛ mo somfo,

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:43
15 Referencias Cruzadas  

Na Yesu frɛɛ wɔn bae na osee wɔn sɛ: Munim sɛ wɔn a wobu wɔn sɛ wodi wiase amanaman so no di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi.


na obiara a ɔpɛ sɛ obedi mo kan no, ɔbɛyɛ mo nyinaa akoa.


Na ɔtenaa ase frɛɛ dumien no, na osee wɔn sɛ: Sɛ obi pɛ kan adi a, ma onni wɔn nyinaa akyi, na ɔnyɛ wɔn nyinaa somfo.


Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.


Mise mo sɛ: Oyi de bem kɔɔ ne fi mmom sen obiako no; na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.


Na mo de, monnyɛ sa, na mmom nea ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na nea ɔyɛ otitiriw no nyɛ sɛ nea ɔsom.


na osee wɔn sɛ: Obiara a obegye abofra yi me din mu no, wagye me; na obiara a obegye me no, na wagye nea ɔsomaa me no. Na nea ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔkɛse.


Yesu buae sɛ: M’ahenni mfi wiase. Sɛ m’ahenni fi wiase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


Anuanom, adehyedi mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedi no nnyɛ ɔkwan mmma ɔhonam, na mmom momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios