Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:32 - KYERƐW KRONKRON

32 Na wɔnam kwan so rekɔ Yerusalem; na Yesu di wɔn anim, na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na na wɔn a wodi n’akyi no suro. Na ɔfaa dumien no bio fii ase kaa nneɛma a ɛbɛba no so no kyerɛɛ wɔn sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

32 Na wɔnam ɔkwan so rekɔ Yerusalem; na Yesu di wɔn anim, na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri, na na wɔn a wɔdi n’akyiri no suro. Na ɔfaa dummienu no bio fitii aseɛ kaa nnoɔma a ɛbɛba ne soɔ kyerɛɛ wɔn sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Afei wosii mu sɛ wɔrekɔ Yerusalem a na Yesu di wɔn kan; na bere a asuafo no di nʼakyi no, ehu ne osuro kaa wɔn. Yesu twee wɔn gyinaa nkyɛn, na ɔsan kaa nneɛma a sɛ wodu Yerusalem a ɛbɛba ne so no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

32 Na wɔnam ɔkwan so rekɔ Yerusalem; na Yesu di wɔn anim, na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri, na na wɔn a wɔdi n’akyiri no suro. Na ɔfaa dummienu no bio fitii aseɛ kaa nnoɔma a ɛbɛba ne soɔ kyerɛɛ wɔn sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Afei, wɔsiim sɛ wɔrekɔ Yerusalem a na Yesu di wɔn ɛkan; na ɛberɛ a asuafoɔ no di nʼakyi no, ehu ne suro kaa wɔn. Yesu twee wɔn gyinaa nkyɛn, na ɔsane kaa nneɛma a, sɛ wɔduru Yerusalem a, ɛbɛba ne so no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

32 Na wɔnam kwan so rekɔ Yerusalem; na Yesu di wɔn anim, na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na na wɔn a wodi n’akyi no suro. Na ɔfaa dumien no bio fii ase kaa nneɛma a ɛbɛba no so no kyerɛɛ wɔn sɛ:

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:32
12 Referencias Cruzadas  

Tie ɛ, ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo mfɛfo a wɔtete w’anim no, efisɛ wɔyɛ anwonwafo; na hwɛ, mede m’akoa “Baa” reba.


Saa bere no ara mu Yesu kae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa.


Na obua see wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no, na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn.


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ma wobisabisaa wɔn ho sɛ: Dɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi po ma wotie no.


Na wankwati abebu ankasa ankyerɛ wɔn; na ɛka wɔn nko a, ɔkyerɛ n’asuafo no ne nyinaa ase.


Na ɔdan ne ho kyerɛɛ asuafo no ka kyerɛɛ wɔn nko sɛ: Nhyira ne aniwa a ehu nea muhu yi;


Na owiee eyinom ka no, ɔsen dii kan sɛ ɔrekɔ Yerusalem.


Na ɛbae sɛ nna a wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro reyɛ awie du no, ɔde sii n’anim sɛ ɔrekɔ Yerusalem.


Ɛnna Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no sɛ: Yɛn nso, momma yɛnkɔ na yɛne no nkowu!


Asuafo no see no sɛ: Rabi, nnansa yi ara na Yudafo rehwehwɛ sɛ wosiw wo abo, na worekɔ hɔ bio yi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios