Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:30 - KYERƐW KRONKRON

30 na ɔrennya afi ne nuammarimanom ne nuammeanom ne ɛnanom ne mma ne nsaase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seisei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

30 na ɔrennya afie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, ne ɛnanom, ne mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa ka ho, seesei wɔ ɛberɛ yi mu ne daa nkwa, wiase a ɛreba no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 na ɔrennya ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛnanom, mma ne nsase mmɔho ɔha, na ɔrennya ɔtaa nso nka ho! Eyinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na wiase a ɛreba no mu de, obenya nkwa a enni awiei.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

30 na ɔrennya afie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, ne ɛnanom, ne mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa ka ho, seesei wɔ ɛberɛ yi mu ne daa nkwa, wiase a ɛreba no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 na ɔrennya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maamenom, mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa nso ka ho! Yeinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na ewiase a ɛreba no mu deɛ, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

30 na ɔrennya afi ne nuammarimanom ne nuammeanom ne ɛnanom ne mma ne nsaase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seisei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:30
32 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Amasia ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no sɛ: Na ɛdɛn na wɔnyɛ dwetikɛse ɔha a mede mama Israel asafo no? Na Onyankopɔn nipa no se: Ɛwɔ AWURADE nsam sɛ ɔbɛma wo ade pii asen eyi.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma ɔdom ne anuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Nyansa nya ye sen sika dɛn ara, na nhumu nya sɛ sɛ wɔpaw sen dwetɛ.


Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu, na aduan ntena me fi. Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo Awurade na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa?


Na nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron de, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.


Na ebi nso koguu asase pa mu; na ɛsow aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.


Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.


na ɔrennya no mmɔho pii ɛbere yi mu, ne wiase a ɛreba no mu daa nkwa.


Na Yesu nenam asɔrefi Solomon abrannaa so.


hyehyɛɛ asuafo no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidi mu, kae nso sɛ etwa yɛn sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu.


Na ɔdasum no, Paulo ne Silas bɔɔ mpae too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafo no tiei.


Ɛnna wɔde anigye fii baguafo no anim hɔ kɔe sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.


Na ɛnyɛ eyi nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba,


Na bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn adom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.


sɛ awerɛhowfo, nanso wɔn ani gye daa; sɛ ahiafo, nanso wɔma nnipa pii nya wɔn ho; sɛ wɔn a wonni hwee, nanso wɔwɔ nneɛma nyinaa.


Nanso ampa ara meda so mibu nneɛma nyinaa adehwere, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro so no nti. Ne nti na mebuu nneɛma nyinaa adehwerede, na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso,


Na ɔno, yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekye ne anidaso pa adom mu no,


na ɔhonam mu mmɔdemmɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.


Nso onyamesom pa a abodwo wɔ mu yɛ adenya kɛse mmom.


Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.


Hwɛ, yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfo. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea Awurade ma ewiee no, sɛnea Awurade ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.


Na ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn ne daa nkwa no.


Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Eyi nti wiase nhu yɛn, efisɛ enhuu no.


Minim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefo, ne wɔn a wose wɔyɛ Yudafo, na wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.


Mitu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔbere ho ogya mu, na woanya ade, ne atade fitaa na woahyɛ, na w’adagyaw ahohora anna adi, ne aniduru a wode bɛsra w’aniwa, na woahu ade.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios