Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:27 - KYERƐW KRONKRON

27 Na Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae sɛ: Nnipa fam na entumi nyɛ, na ɛnyɛ Onyankopɔn fam, efisɛ Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Na Yesu hwɛɛ wɔn kaa sɛ: Nnipa fam na ɛntumi nyɛ hɔ, na ɛnyɛ Nyankopɔn fam; ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

27 Na Yesu hwɛɛ wɔn kaa sɛ: Nnipa fam na ɛntumi nyɛ hɔ, na ɛnyɛ Nyankopɔn fam; ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Yesu hwɛɛ wɔn dinn kaa sɛ, “Onipa fam deɛ, yei rentumi mma mu, na Onyankopɔn fam deɛ, biribiara bɛtumi aba mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Na Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae sɛ: Nnipa fam na entumi nyɛ, na ɛnyɛ Onyankopɔn fam, efisɛ Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:27
15 Referencias Cruzadas  

Na eyi nso yɛ mmerɛw AWURADE ani so, na obeyi Moab nso ahyɛ mo nsa.


Ɛnna okunini a ɔhene tweri ne nsa so no buaa Onyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mfɛnsere ɔsoro po a, so saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ose: Wo ara wode w’aniwa behu, nanso worenni bi.


Mahu sɛ wutumi ade nyinaa yɛ, na wɔrensiw w’atirimmɔ biara kwan.


Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, wo na wode wo tumi kɛse ne wo basa a ateɛ ayɛ ɔsoro ne asase; biribiara nyɛ wo yɛna;


Hwɛ, me AWURADE ne ɔhonam nyinaa Nyankopɔn; so biribiara bɛyɛ me nwonwa anaa?


Sɛ asafo AWURADE se ni: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkae ani so nwonwa nna yi mu a, so m’ani so nso ɛbɛyɛ nwonwa? Asafo AWURADE asɛm ni.


Na Yesu hwɛɛ wɔn anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nnipa fam de, eyi ntumi nyɛ, na Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ.


Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw boroo so, na wosisee wɔn ho sɛ: Ɛnne na hena na wobetumi agye no nkwa?


efisɛ Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ.


Na ɔkae sɛ: Nea entumi nyɛ hɔ nnipa fam no, Onyankopɔn fam de, ebetumi ayɛ hɔ.


a ɔbɛsakra yɛn ahobrɛase nipadua sɛnea n'ahoɔden adwuma a ɔde betumi abrɛ nneɛma nyinaa ase ahyɛ n'ase no te.


Osusuwii sɛ Onyankopɔn betumi anyan no afi awufo mu po; ɛhɔ nso na onyaa no bio, akasabebu mu.


Saa nti, obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios