Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:24 - KYERƐW KRONKRON

24 Na ne nsɛm no yɛɛ asuafo no ahodwiriw. Na Yesu bua see wɔn bio sɛ: Mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn [a wɔde wɔn ho to ahonyade so] sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 Na ne nsɛm no yɛɛ asuafoɔ no ahodwiri. Na Yesu bua see wɔn bio sɛ: Mma, sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn [a wɔde wɔn ho to ahonyadeɛ soɔ] sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Asɛm a Yesu kaa no maa asuafo no ho dwiriw wɔn. Yesu san kaa bio se, “Me mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

24 Na ne nsɛm no yɛɛ asuafoɔ no ahodwiri. Na Yesu bua see wɔn bio sɛ: Mma, sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn [a wɔde wɔn ho to ahonyadeɛ soɔ] sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Asɛm a Yesu kaeɛ no maa asuafoɔ no ho dwirii wɔn. Yesu sane kaa bio sɛ, “Me mma, sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Na ne nsɛm no yɛɛ asuafo no ahodwiriw. Na Yesu bua see wɔn bio sɛ: Mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn [a wɔde wɔn ho to ahonyade so] sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu?

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:24
28 Referencias Cruzadas  

AWURADE, fa wo nsa begye me, fi nnipa nsam, nnipa a wɔn nkwa kyɛfa ne wiase de, fa nea wasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma ma wɔn mma nnya no mmoroso na wɔmfa bi nnyaw nkyirimma.


Hwɛ, onipa a wamfa Onyankopɔn anyɛ n’ahoɔden, na ɔde ne ho too n’ahode bebree no so, na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibere mu, no ni.


Mommfa mo ho nnto amimdi so, na monnyɛ dwowtwa ho ahupoo; sɛ ahonyade dɔ a, mommfa mo koma nnto so.


Nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no bɛhwe ase, na treneefo bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahaban.


Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den, na ɛte sɛ ɔfasu a ɛkorɔn n’adwene mu.


So wobɛma w’ani adi nea enni hɔ akyi? Na ahonyade fuw ntaban tu sɛ ɔkɔre a otu kɔ ɔsoro.


Sɛ AWURADE se ni: Mma onyansafo nnhyehye ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfo nnhyehye ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefo nso nnhyehye ne ho n’ade ho,


Onnue, nea onya mfaso bɔne ma ne fi, na ɔde ne berebuw besi sorɔnsorɔmmea sɛ wayi ne ho afi mmusu nsam no.


wɔn dwetɛ anaa wɔn sika rentumi nnye wɔn, Awurade abufuw da no, na ne ninkuntwe gya no mu na asase no nyinaa bɛhyew, na ɔdwerɛw a ɛba mpofirim ara na ɔde bɛba asase no sofo nyinaa so.


Na n’asuafo no tee no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw pii na wɔkae sɛ: Ɛnne na hena na wobetumi agye no nkwa?


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ma wobisabisaa wɔn ho sɛ: Dɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi po ma wotie no.


Ɛnna Yesu hwɛɛ ne ho hyiae see n’asuafo no sɛ: Sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu?


Na Farisifo a wɔyɛ sikapɛfo tee eyinom nyinaa; na wɔserew no.


Mma nkumaa, bere tiaa bi na aka a me ne mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛnea meka mekyerɛɛ Yudafo no sɛ: Faako a merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ no, saa ara na afei mise mo nso.


Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: Yaanom, moanya nam anaa? Wobuaa no sɛ: Dabi.


Enti n’asuafo mu pii tee no, wɔkae sɛ: Asɛm yi yɛ den, hena na obetumi atie?


Ao, me mma nkumaa a mereko mo awo bio kosi sɛ wobewie Kristo suyɛ wɔ mo mu,


Kasa kyerɛ adefo a wɔwɔ wiase sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn nneɛma nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so,


Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafo bi, Agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo.


Mma nkumaa, mufi Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkunim, efisɛ nea ɔwɔ mo mu no so kyɛn nea ɔwɔ wiase mu.


Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfi ahonisom ho.


Efisɛ wuse: Meyɛ ɔdefo na manya me ho, na hwee nhia me, na wunnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufo ne mmɔboroni ne ohiani ne onifuraefo ne ɔdagyani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios