Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Na Yesu hui no, anyɛ no abodwo, na osee wɔn sɛ: Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan; na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na Yesu hunuiɛ no, anyɛ no abodwo, na ɔsee wɔn sɛ: Momma mmɔfra no kwan, na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, na yeinom sɛɛ na Nyankopɔn ahennie no yɛ wɔn dea.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Yesu huu nea nʼasuafo no ayɛ no, anyɛ no dɛ na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na Yesu hunuiɛ no, anyɛ no abodwo, na ɔsee wɔn sɛ: Momma mmɔfra no kwan, na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, na yeinom sɛɛ na Nyankopɔn ahennie no yɛ wɔn dea.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Yesu hunuu deɛ nʼasuafoɔ no ayɛ no, anyɛ no dɛ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mmɔfra no ɛkwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na Yesu hui no, anyɛ no abodwo, na osee wɔn sɛ: Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan; na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea.

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:14
36 Referencias Cruzadas  

Na mɛma me ne wo ne w'asefo a ebedi w'akyi no apam agyina wɔ wɔn awo ntoatoaso mu, na ayɛ daa apam, na mayɛ wo ne w'asefo a ebedi w'akyi no Nyankopɔn.


yɛremfa nhintaw wɔn mma, yɛreka nkyirimma AWURADE ayeyisɛm, ne ne tumidi, ne n’anwonwade a wayɛ no.


Wɔrenyɛ adwumahunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu, efisɛ wɔyɛ wɔn a AWURADE ahyira wɔn no asefo, wɔne wɔn mma.


Na mo mma a moka sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum no, wɔn na mede wɔn mɛkɔ so, na wɔahu asase a moto ho mpe no.


Monhwɛ, na moammu nkumaa yi mu biako abomfiaa; na mise mo sɛ ɔsoro no, wɔn abɔfo hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu.


Nanso Yesu kae sɛ: Momma mmofra no kwan, na munnsiw wɔn me nkyɛn ba ho kwan; na eyinom sɛɛ na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.


Nhyira ne wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.


Nhyira ne honhom mu ahiafo, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.


Na ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden nti ɛyɛɛ no yaw, na osee onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe; na ne nsa no san yɛɛ yiye.


Na ɔdan ne ho hwɛɛ n’asuafo no kaa Petro anim sɛ: Fi me so, Satan, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de.


Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no.


Yesu buae sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu.


Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea.


Mone adiyifo no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pamee no mma, sɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: w’asefo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.


Sɛ aba a edi kan no yɛ kronkron a, tɔw no nyinaa yɛ bi; na sɛ ntini no yɛ kronkron a, nnubaa no nso yɛ bi.


Asɛmpa no fam de, mo nti wɔyɛ atamfo, na eyi no fam de, agyanom no nti wɔyɛ adɔfo;


Anuanom, monnyɛ mmofra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmofra, na dwen mu de, munwie nyin.


Na okunu a onnye nni no ho atew wɔ ɔyere no mu, na ɔyere a onnye nni no ho atew okunu no mu; anyɛ saa de a, na mo mma ho wɔ fi, na afei de, wɔn ho atew.


Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so,


Na esiane sɛ ɔdɔ w’agyanom nti, wapaw wɔn asefo a edi wɔn akyi, na ɔde n’anim ne ne tumi kɛse ayi wo afi Misraim,


na ɛma mekae wo gyidi a nkontompo nnim a kan ɛwɔ wo nena Lois ne wo na Eunike mu, na migye midi sɛ ɛwɔ wo nso mu no.


na wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.


Nea Mose hyɛɛ no nyinaa mu asɛm biara nni hɔ a, Yosua ankenkan Israel guabɔ nyinaa, ne mmea, mmofra ne ɔhɔho a, ɔnam wɔn mu no anim.


na mompɛ asɛm no nufusu kronkron mapa, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren, na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu,


na wɔanhu atoro bi wɔ wɔn anom; na wonni dɛm.


Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnne mede no mɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan bi renka ne ti.


Na Hana de, wankɔ, na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Gye sɛ abofra no atwa nufu ansa na mede no mɛkɔ, na wakopue AWURADE anim, na watena hɔ daa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios