Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Yudea asase nyinaa sofo ne Yerusalemfo fi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn nyinaa asu wɔ asubɔnten Yordan mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na Yuda asase sofoɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn nyinaa asu, Asubɔnten Yordan mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nnipa fifi Yerusalem ne Yudea nkurow nyinaa so kohuu Yohane tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Yuda asase sofoɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn nyinaa asu, Asubɔnten Yordan mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nnipa fifiri Yerusalem ne Yudea nkuro so kɔhunuu Yohane, tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Yudea asase nyinaa sofo ne Yerusalemfo fi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn nyinaa asu wɔ asubɔnten Yordan mu.

Ver Capítulo Copiar




Marko 1:5
15 Referencias Cruzadas  

Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE. Na wo na wode me bɔne so mmusu kyɛe.


Nea ɔkata ne mmarato so no, ɔrenkye ade, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.


Na nkurɔfo akuwakuw pii a wofi Galilea ne Dekapoli no mu ne Yerusalem ne Yudea ne Yordan agya dii n’akyi.


Yohane bae bɛbɔɔ asu sare so, na ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔnefakyɛ mu.


Na Yohane fura yoma nwi ntama, na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen, na odi mmoadabi ne wuram wo.


Eyinom bae wɔ Betania, Yordan agya noho, faako a Yohane rebɔ asu hɔ.


Na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, efisɛ asuasu pii wɔ hɔ; na wɔbaa hɔ ma wɔbɔɔ wɔn asu.


Ɔno ne kanea a ɛdɛw na ɛhyerɛn; na mo de, mopɛe sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.


Na wɔn a wɔagye adi no mu pii bae bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kokoam nsɛm.


Na Petro see wɔn sɛ: Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fakyɛ, na mubenya Honhom Kronkron akyɛde no.


Monkeka mo mfomso nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na munyiyi mpae mmoma mo ho mo ho, na wɔasa mo yare. Onipa trenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ ade bebree.


Na Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: Me ba, fa anuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na di no ni, na ka kyerɛ me ɛ: Dɛn na woyɛe? Nsiw me so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios