Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 1:28 - KYERƐW KRONKRON

28 Na ne ho asɛm fii hɔ trɛw kɔɔ Galilea nsaase a atwa ahyia ho nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

28 Na ɛhɔ ara na ne ho asɛm firi trɛ kɔɔ Galilea nsase a atwa ho ahyia nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Saa anwonwade a ɔyɛe yi ho nsɛm trɛw faa Galileaman mu nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

28 Na ɛhɔ ara na ne ho asɛm firi trɛ kɔɔ Galilea nsase a atwa ho ahyia nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Saa anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi ho nsɛm trɛ faa Galileaman mu nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Na ne ho asɛm fii hɔ trɛw kɔɔ Galilea nsaase a atwa ahyia ho nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar




Marko 1:28
10 Referencias Cruzadas  

Na obegyina hɔ ayɛn wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛso akosi asase awiei.


Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyare, wɔn a ɔhaw horow akita wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui nyinaa brɛɛ no na ɔsaa wɔn yare.


Na eyi ho asɛm trɛwee asase no nyinaa so.


Na wɔn de, wofii hɔ no, wɔde ne ho asɛm trɛwee asase no nyinaa so.


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ma wobisabisaa wɔn ho sɛ: Dɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi po ma wotie no.


Na wofii hyiadan no mu no, ntɛm ara na wɔne Yakob ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fi.


Na ɔno de, ofii adi no, ofii ase kekaa no pii na ɔmaa asɛm no trɛwee, na enti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kurow biara mu bio; na mmom ɔtenaa sare so hɔnom baabi, na wofi mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.


Na wɔde odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa; na ɔtrɛw nhoma no mu huu faako a wɔakyerɛw sɛ:


Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ asase a atwa ahyia no nkurow nyinaa mu.


Na ne ho asɛm yi trɛwee Yudea nyinaa ne asase a atwa ho ahyia nyinaa so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios