Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 1:24 - KYERƐW KRONKRON

24 sɛ: Dɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ban, Onyankopɔn hotefo no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 Ɛdeɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo nipa ban, Onyankopɔn Hoteeni no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 “Dɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn wɔ yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn ana? Minim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

24 Ɛdeɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo nipa ban, Onyankopɔn Hoteeni no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 “Ɛdeɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn wɔ yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 sɛ: Dɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ban, Onyankopɔn hotefo no.

Ver Capítulo Copiar




Marko 1:24
25 Referencias Cruzadas  

Na worennyaw me kra asaman, woremma wo hotefo nhu ɔda mu porɔwee.


Ɛno ɛnyɛ asɛm a yɛkaa wo wɔ Misraim sɛ: Gyae ma yɛnsom Misraim, no ni? Efisɛ eye ma yɛn mmom sɛ anka yɛsom Misraim sen sɛ yɛrebewuwu sare so yi.


Wɔahyɛ mfe aduɔsɔn ahorow asɔn, wɔ wo man ne wo kurow kronkron no so, sɛ wonwie mmarato na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpata amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronne mu ade kronkron.


Na ɔba bɛtenaa kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na nea odiyifo no kae no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.


Na hwɛ, wɔteɛteɛɛm sɛ: Dɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ wobɛyɛ yɛn ayayade ansa na bere no adu anaa?


Na bere koro no ara, na onipa bi wɔ wɔn hyiadan no mu a ɔwɔ honhom fi, na ɔteɛɛm


Na Yesu teɛteɛɛ no sɛ: Mua w’ano na fi no mu kɔ!


Na ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu Nasareni no, ofii ase teɛɛm sɛ: Dawid ba Yesu, hu me mmɔbɔ!


na ohuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa kae sɛ: Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!


Na osee wɔn sɛ: Mommmɔ piriw; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyan, onni ha. Monhwɛ faako a wɔde no toe!


na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Dɛn na me ne wo Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ba, wɔ yɛ? Medɔ Onyankopɔn sɛ: Nhaw me?


Na ɔbɔfo no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Nea Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba.


Na obisaa wɔn sɛ: Nsɛm bɛn? Na wosee no sɛ: Nea ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi, nneyɛe ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho,


sɛ: Mmɛhaw yɛn! Ɛdɛn na yɛne wo Nasareni Yesu wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ko, wone Onyankopɔn kronkronni no.


Na ohuu Yesu no, ɔteɛɛm dennen hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛse kae sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nhaw me!


Na Gerasafo asase a atwa ahyia no so nkurɔfo nyinaa srɛɛ no sɛ omfi wɔn nkyɛn nkɔ, efisɛ ehu kɛse aka wɔn. Na osii ɔkorow mu san kɔe.


na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Nyankopɔn kronkronni no.


efisɛ worennyaw me kra Asamando, na woremma wo kronkronni no nhu porɔw.


Yɛahu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufo a ɔde mansotwe ba Yudafo a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefo fekuw no mu panyin.


Na mopaa Ɔkronkronni ne Ɔtreneeni no, na mosrɛe sɛ wɔmfa owudifo nkyɛ mo.


Na wohyiae ampa tiaa w’abofra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


Wugye di sɛ Onyankopɔn yɛ biako; woyɛ no yiye; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo.


Na mo de, moanya ɔsra no afi ɔkronkronni no hɔ, na mo nyinaa nim de.


Na Filadelfia asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni ne ɔnokwafo no, nea okura Dawid safe, na ohiɛ na obi ntom, na ɔtom na obi nhiɛ no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios