Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 1:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na ofii nsu no mu no, ntɛm ara na ohui sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resian sɛ aborɔnoma ba no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na ɔfirii nsuo no mu no, ntɛm ara na ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resiane sɛ aburuburo aba ne soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Yesu fii asu no mu sii konkɔn so ara pɛ, ohuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resian sɛ aborɔnoma aba ne so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɔfirii nsuo no mu no, ntɛm ara na ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resiane sɛ aburuburo aba ne soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Yesu firi nsuo no mu sii konkɔn so ara pɛ, ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resiane sɛ aborɔnoma aba ne so. Saa ɛberɛ no ara mu,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na ofii nsu no mu no, ntɛm ara na ohui sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resian sɛ aborɔnoma ba no so.

Ver Capítulo Copiar




Marko 1:10
8 Referencias Cruzadas  

Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.


O, sɛ wusunsuane ɔsoro mu sian na mmepɔw wosow w’anim ɛ!


Na afe a ɛto so aduasa, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so anum no, na mewɔ atukɔfo no mu, asu Kebar ho, na ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn hɔ anisoade.


Na wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii nsu no mu, na hwɛ, ntɛm ara ɔsoro bue maa no, na ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma reba no so.


Na ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!


Na ɛbae sɛ nna no mu no, Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu.


na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aborɔnoma baa no so, na ɛnne bi fi soro kae sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios