Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 9:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔfrɛɛ dumien no hyiae maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔfrɛɛ dummienu no hyiae, maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Da bi Yesu frɛɛ Dumien no hyia maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde betu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔfrɛɛ dummienu no hyiae, maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛda bi Yesu frɛɛ Dumienu no hyiaeɛ maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde bɛtu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔfrɛɛ dumien no hyiae maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.

Ver Capítulo Copiar




Luka 9:1
15 Referencias Cruzadas  

Na mede ɔsoro ahenni ano nsafe mɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere asase so no, na wɔakyekyere no ɔsoro, na biribiara a wobɛsan asase so no na wɔasan no ɔsoro.


Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyare, wɔn a ɔhaw horow akita wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui nyinaa brɛɛ no na ɔsaa wɔn yare.


Na me nso meyɛ onipa a mewɔ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na mise oyi sɛ: Kɔ a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo bi sɛ: Bra a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi a, ɔyɛ.


Eyinom akyi no, Awurade yii nnipa aduɔsɔn bio,


Hwɛ, mema mo tumi sɛ muntiatia awɔ ne nkekantwɛre ne ɔtamfo no ahoɔden nyinaa so; na biribiara rentumi nyɛ mo hwee.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom, efisɛ me de, merekɔ m’Agya no nkyɛn.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho.


Na ɛnam ne din mu gyidi so ne ne din so na ama oyi a muhu no na munim no yi ho ayɛ no den. Yiw, Yesu mu gyidi na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.


bere a woteɛ wo nsa sa wɔn yare na wɔnam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Enea, Yesu Kristo asa wo yare. Sɔre, na wo ankasa sɛw wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios