Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 8:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na ebi koguu nsɔe mu; na nsɔe no ne no fifii, na emiaa no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na ebi kɔguu nkasɛɛ mu; na nkasɛɛ no ne no fifirii, na ɛmiaa no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Aba no bi nso koguu nsɔe mu. Efifii no, nsɔe no kyekyeree no na ewui.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ebi kɔguu nkasɛɛ mu; na nkasɛɛ no ne no fifirii, na ɛmiaa no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Aba no bi nso kɔguu nkasɛɛ mu. Ɛfifiriiɛ no, nkasɛɛ no kyekyeree no na ɛwuiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na ebi koguu nsɔe mu; na nsɔe no ne no fifii, na emiaa no.

Ver Capítulo Copiar




Luka 8:7
11 Referencias Cruzadas  

na nsɔe ne nnɛnkyɛnse na ebefifi ama wo, na woadi afuw so ahaban.


Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Yudafo ne Yerusalem ni: Monnɔw adɔw foforo mfa, na munngu nguare wɔ mu.


Na nea woguu no nsɔe mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba.


Ebi nso koguu nsɔe mu; na nsɔe no nyinii, na emiaa no.


Na ebi koguu nsɔe mu; na nsɔe no nyinii, na emiaa no, na ansow aba.


Na monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri,


Na nea eguu nsɔe mu no ne wɔn a wɔte, na wɔnam asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonya ne anigyede mu na emia wɔn, na wɔn aba no mmere yiye.


Na ebi koguu ɔbotan so; na efifii no, ɛhyewee, efisɛ enni bosu nti.


Na ebi koguu asase pa mu; na efifii, na ɛsow aba ahorow ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteɛɛm sɛ: Nea ɔwɔ aso betie no, ontie!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios