Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 8:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na ose: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni mu ahintasɛm no; na wɔn a aka de, wɔde ama wɔn mmebu mu, na wɔahu, na wɔanhu mu, na wɔate, nanso wɔante ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na ɔse: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu, na wɔahunu, na wɔanhunu mu, na wɔate, nanso wɔante aseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 obuaa wɔn se, “Mo de, wɔde Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm ama mo, na afoforo de, wɔkasa kyerɛ wɔn mmebu mu, “ ‘sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhu na wɔbɛte, nanso wɔrente ase.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɔse: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu, na wɔahunu, na wɔanhunu mu, na wɔate, nanso wɔante aseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm ama mo, na afoforɔ deɛ, wɔkasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu, “ ‘sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhunu na wɔbɛte, nanso wɔrente aseɛ.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na ose: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni mu ahintasɛm no; na wɔn a aka de, wɔde ama wɔn mmebu mu, na wɔahu, na wɔanhu mu, na wɔate, nanso wɔante ase.

Ver Capítulo Copiar




Luka 8:10
24 Referencias Cruzadas  

AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no, na ɔma wohu n’apam no mu.


hwɛ, mɛkɔ so me ne ɔman yi adi anwonwasɛm ma ayɛ nwonwa ne ahodwiriw, na wɔn anyansafo nyansa ayera, na wɔn nhumufo nhumu atu.


Wonnim de, na wonni nhumu, na wasram wɔn ani so na wɔanhu ade, ne wɔn koma nso, na wɔante ase;


Na ose: Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: Ɔte ara na monte, na monnte ase, na ohu ara na munhu, na munnhu mu.


Muntie eyi ɛ, ɔman nkwaseafo a wonni ti, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm.


Onipa ba, wote asowui fi, nnipa a wɔwɔ aniwa a wɔde hu ade na wonhu na wɔwɔ aso a wɔde te na wɔnte mu; na asowui fi ne wɔn.


Saa bere no ara mu Yesu kae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa.


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, efisɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na eyi kyerɛɛ wo, na m’agya a ɔwɔ ɔsoro no.


Na osee wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni ho ahintasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyiri no de, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebu mu;


na ohu de, wɔahu, na wɔanhu mu, na ɔte nso wɔate, na wɔante ase, na da bi wɔansakra, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.


Wafura wɔn ani na wapirim wɔn koma, na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho na mansa wɔn yare.


Nea otumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛnea m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka te, sɛnea ahintasɛm a kan teteete no wɔanka,


Na eyi nyinaa, Honhom koro no ara na ɔyɛ, na ɔkyekyɛ ma wɔn mmiako mmiako sɛnea ɔpɛ.


Nanso ɛde besi nnɛ, AWURADE mmaa mo koma a enim ade ne aniwa a ehu ade ne aso a ɛte asɛm.


sɛ wonnya nea ɛka wɔn koma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ biako ɔdɔ mu nnya ntease a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no mu.


Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios