Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 6:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɛbae sɛ homeda bi ɔkɔfaa aburofuw bi mu, na n’asuafo no pempan mmɛtem no bi, na wɔposae wɔ wɔn nsa mu wee.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ɛbaa sɛ homeda bi ɔkɔfaa aburoofuo bi mu, na n’asuafoɔ no pempanee mmɛtem no bi, na wɔposae wɔ wɔn nsa mu wee.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Homeda bi a Yesu ne nʼasuafo no nam aburowfuw bi mu no asuafo no pempan aburow no bi huan, wee.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɛbaa sɛ homeda bi ɔkɔfaa aburoofuo bi mu, na n’asuafoɔ no pempanee mmɛtem no bi, na wɔposae wɔ wɔn nsa mu wee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Homeda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ no nam aburoofuo bi mu no, asuafoɔ no pempan aburoo no bi hwane, weeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɛbae sɛ homeda bi ɔkɔfaa aburofuw bi mu, na n’asuafo no pempan mmɛtem no bi, na wɔposae wɔ wɔn nsa mu wee.

Ver Capítulo Copiar




Luka 6:1
10 Referencias Cruzadas  

Sɛ wudu wo yɔnko awi a egyina hɔ mu a, fa wo nsa pompan mmɛtem no bi, na mma kantankrankyi so wɔ wo yɔnko awi so.


Da a edi kan no munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara.


Nnansɔn na munni apiti. Da a edi kan no ara na momma mmɔkaw to ntwa mo afi mu, efisɛ obiara a obedi mmɔkaw abodoo fi da a edi kan no de kosi da a ɛto so ason no, wobetwa saa ɔkra no afi Israel mu.


Adapɛn ason na kan fa; da a wɔrefi ase de kantankrankyi ahyɛ awi mu no na fi kan adapɛn asɔn;


Na monkan nna mfa mfi homeda no adekyee da a mode ohim fi no ba no, ɛnyɛ adapɛn ason pɛpɛɛpɛ.


Nso obi nnom nsa dedaw nhwehwɛ foforo, na mmom ɔka sɛ: Dedaw no na eye.


Na ɛbae sɛ homeda foforo bi nso ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios