Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 3:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na ɛbae sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na ɛbaa sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueeɛ

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Bere a Yohane bɔɔ nkurɔfo pii asu wiee no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wiee a ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɛbaa sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueeɛ

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Ɛberɛ a Yohane bɔɔ nkurɔfoɔ pii asu wieeɛ no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wieeɛ a ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na ɛbae sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei,

Ver Capítulo Copiar




Luka 3:21
11 Referencias Cruzadas  

Na afe a ɛto so aduasa, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so anum no, na mewɔ atukɔfo no mu, asu Kebar ho, na ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn hɔ anisoade.


Na owiee nkurɔfo akuwakuw no kwan gya no, ɔkɔɔ bepɔw so fa baabi mpaebɔ. Na onwini dwoe no, na aka ne nko wɔ hɔ.


Nanso ɔtwee ne ho kɔɔ sare so kɔbɔɔ mpae.


Na ɛbae sɛ ne nko wɔ hɔ rebɔ mpae no, na n’asuafo no ka ne ho; na obisaa wɔn sɛ: Nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Mene hena?


Na osee no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokwarem pa ara sɛ, mubehu ɔsoro sɛ abue, na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian Onipa Ba no so.


fi Yohane asubɔ so de besi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no mu biako ne yɛn yɛ ne sɔre ho adansefo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios