Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 23:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ofii ase Galilea na ɔde abedu ha yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ɔfirii aseɛ Galilea na ɔde abɛduru ha yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kae se, “Baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi fi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abedu Yerusalem ha.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ɔfirii aseɛ Galilea na ɔde abɛduru ha yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso, wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kaa sɛ, “Ɔyɛ ɔmammɔfoɔ baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so de hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi firi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abɛduru Yerusalem ha.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ofii ase Galilea na ɔde abedu ha yi.

Ver Capítulo Copiar




Luka 23:5
24 Referencias Cruzadas  

Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia, na wɔbobom ba me so, wɔahwirew me nsa ne me nan mu.


Me kra da agyata mu, meda wɔn a wɔhome gyaframa mu. Nnipa mma, wɔn se yɛ mpeaw ne agyan, na wɔn tɛkrɛma yɛ nkrante nnamnnam.


Wɔn a wɔtan me kwa dɔɔso sen me ti so nwi, m’asɛefo a wɔyɛ m’atamfo atorofo dɔɔso, nea memfae no, wose mennan memma.


Na ɛbae sɛ Yesu wiee n’asuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm no nkurow mu.


Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, ɔhene Herode bere so no, hwɛ, anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem


Na Pilato hui sɛ ontumi nyɛ ho hwee, na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsu hohoroo ne nsa nkurɔfokuw no anim kae sɛ: Medi bem wɔ onipa trenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ!


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.


Na woyii Yohane mae akyi no, Yesu baa Galilea bɛkaa Onyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe.


Na ofi hɔ kɔe no, Akyerɛwfo ne Farisifo no fii ase hyɛɛ no so pii, na wɔhyɛɛ no kasa wɔ nsɛm bebree ho,


Na wɔde nne kɛse kɔɔ so kae sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu; na wɔn nne boroo ne de so.


Na Pilato tee Galilea din no, obisae sɛ onipa no yɛ Galileani anaa?


Ade kyee no, Yesu pɛe sɛ ofi hɔ kɔ Galilea; na ohuu Filipo. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi!


Na wɔteɛɛm sɛ: Fa no kɔ, fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Memmɔ mo hene asɛnnua anaa? Asɔfo mpanyin no buae sɛ: Yenni hene bi sɛ Kaesare.


Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii.


Ebinom sɛ: Kristo no ni! Na ebinom nso bisae sɛ: Kristo no befi Galilea anaa?


Wobua see no sɛ: Gyama wo nso wufi Galilea? Hwehwɛ mu, na wubehu sɛ odiyifo bi nsɔree wɔ Galilea pɛn.


Mo ara munim asɛm a asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no akyi, efii ase Galilea na ɛbaa Yudea nyinaa no,


Na akasakasa no mu yɛɛ den no, ɔsafohene no suroe sɛ ebia wɔbɛtetew Paulo nti, ɔhyɛɛ asraafo no sɛ wonsian mmehuam no wɔn nsam, na wɔmfa no nkɔ aban mu.


Na wɔtee no, etwiw wɔn na wotuu agyina sɛ wobekum wɔn.


Na wɔtee eyinom no, wɔn ani beree, na wɔtwɛree wɔn se guu no so.


Na wɔde nne kɛse teɛɛm, na wosisiw wɔn aso, na wɔbɔɔ kirididi kɔtow hyɛɛ no so,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios